Yɛn Amantam Nhyiam—Edi Nokware no Ho Adanse Kɛse
1. Onyankopɔn asɛm mu nokware atitiriw bɛn na afahyɛ a na Israelfo di no afe biara no ma wonyaa hokwan dwinnwen ho na wɔbɔɔ ho nkɔmmɔ?
1 Ná tete Israelfo hyiam mprɛnsa afe biara di afahyɛ. Ɛwom sɛ na mmarima nkutoo na ɛsɛ sɛ wɔkɔ de, nanso na abusua mũ no nyinaa taa tu kwan kɔ Yerusalem konya nhyiam a ɛyɛ anigye yi mu kyɛfa. (Deut. 16:15, 16) Ná nhyiam a ɛte saa ma wonya hokwan dwinnwen Onyankopɔn asɛm mu nokware atitiriw ho na wɔbɔ ho nkɔmmɔ. Saa nokware ahorow yi bi ne dɛn? Emu biako ne sɛ Yehowa yɛ Ɔdemafo yamyefo a ɔwɔ ɔdɔ. (Deut. 15:4, 5) Foforo nso ne sɛ wobetumi de wɔn ho ato no so ma wakyerɛ wɔn kwan na wabɔ wɔn ho ban. (Deut. 32:9, 10) Sɛ́ nnipa a na Yehowa din da wɔn so no, na Israelfo no betumi asusuw nokwasɛm a ɛne sɛ ɛsɛ sɛ wɔfa Yehowa trenee akwan so wɔ wɔn asetena mu ho. (Deut. 7:6, 11) Yɛn nso yenya amantam nhyiam a yɛyɛ no afe biara no so mfaso.
2. Ɔkwan bɛn so na ɔmantam nhyiam dwumadi no bɛma nokware no ada adi?
2 Dwumadi no Ma Nokware no Da Adi: Wɔ yɛn amantam nhyiam ase no, yetie ɔkasa ahorow, yɛhwɛ drama ne ɔyɛkyerɛ ahorow, na yetie nsɛm a wobisabisa afoforo a ɛboa ma yɛte Bible mu nokware ahorow ase yiye na yɛde di dwuma. (Yoh. 17:17) Wɔadi kan ayɛ ɔmantam nhyiam a yɛrebɛyɛ no ho adwuma pii dedaw. Yehowa ahyehyɛde no resiesie dwumadi pɔtee bi a ebedi nea yehia seesei wɔ wiase nyinaa ho dwuma. (Mat. 24:45-47) So wo ho pere wo sɛ wobɛkɔ akohu na woate dwumadi a wɔbɛyɛ no?
3. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na ama yɛanya dwumadi no so mfaso?
3 Nokwarem no, sɛ yɛkɔ nnansa no nyinaa na yetie dwumadi no yiye a, yebenya so mfaso kɛse. Sɛ wunnya nsrɛɛ kwan mfii w’adwumawura hɔ a, wo ne no nkɔka ho asɛm. Hwɛ sɛ wobɛda ntɛm da biara na ama woatumi atie asɛm no yiye bere a dwumadi no rekɔ so no. Nnipa pii ahu sɛ, sɛ wɔhwɛ ɔkasafo no na wɔyɛ kyerɛwtohɔ ntiantiaa a, ɛboa ma wotie asɛm no yiye. Ɛnsɛ sɛ woma wo telefon anaa pager twetwe wo ne afoforo adwene. Sɛ dwumadi no rekɔ so a, mmɔ nkɔmmɔ, nkyerɛw nsɛm wɔ telefon so mmena, nnidi na nnom.
4. Sɛ nhyiam no rekɔ so a, dɛn na awofo betumi ayɛ de aboa wɔn mma na ama wɔanya so mfaso?
4 Wɔ mfe a na Israelfo di Homeda no mu no, sɛ mmusua kohyiam sɛ wɔrekotie Mmara a na wɔkenkan kyerɛ wɔn wɔ Asese Afahyɛ no ase a, na wɔne wɔn “mmofra” kɔ sɛnea ɛbɛyɛ a ‘wobetie na wɔasua.’ (Deut. 31:12) Sɛ nhyiam rekɔ so na yehu sɛ mmusua ne wɔn mma te hɔ komm retie asɛm no yiye a, ɛhyɛ nkuran paa! Dɛn nti na anwummere biara monhwɛ kyerɛwtohɔ a moyɛe no mu na mommom nsusuw dwumadi no mu nsɛntitiriw a mo ani gye ho paa no ho? Wɔahyɛ no nsow sɛ, sɛ wɔreyɛ drama no a, awofo binom ma wɔn mma kwan ma wɔne mmofra afoforo pii kɔtena anim hɔ. Nyansa nnim sɛ yɛbɛyɛ saa. “Agyimisɛm kyekyere abofra koma ho,” enti ɛyɛ papa sɛ bere nyinaa awofo bɛhwɛ wɔn mma so a wɔn a wonnii mfe aduonu nso ka ho. Ɛsɛ sɛ wɔyɛ saa wɔ awia ahomegye bere ne ɛno akyi wɔ baabiara a abusua no kɔsoɛe sen sɛ wɔbɛto wɔn “asaworam.”—Mmeb. 22:15; 29:15.
5. Ɔkwan bɛn so na abrabɔ pa a yɛda no adi wɔ kurow a yɛyɛ nhyiam no wom mu no ma nokware no ho ba nyam?
5 Yɛn Abrabɔ Pa Ma Nokware no Ho Ba Nyam: Abrabɔ pa a yɛda no adi bere a yɛwɔ kurow a yɛyɛ nhyiam no wom mu no ma nokware no ho ba nyam. (Tito 2:10) Sɛ nnipakuw bi kɔ kurow bi mu na wɔda boasetɔ ne ayamye adi a, kurow no mufo hu. (Kol. 4:6) Wɔ afe a etwaam mu no, bere a Betel ananmusifo bi reka ahɔhodan bi a na wɔpɛ sɛ wogye ho asɛm no, ɛhɔ panyin bi ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Sɛnea mo nkurɔfo no te nti, yɛn ani gye ho sɛ wɔbɛba abegye ha. Wɔda suban pa adi, wɔn yam ye, bere nyinaa wodi yɛn adwumayɛfo ni na wɔnsɛe yɛn nneɛma nso.”
6. Yɛbɛyɛ dɛn de yɛn ntadehyɛ ama nokware no ho aba nyam wɔ kurow a yɛbɛyɛ nhyiam wom no mu?
6 Sɛ yɛbɔ yɛn nhyiam baagye no a, ɛbɔ nhyiam no ho dawuru, na ɛma nhyiamfo afoforo tumi hu yɛn. Ɛno akyi no, edi wɔn a wohu yɛn no nso adanse. Kurow a yɛyɛ nhyiam no wom no mufo behu sɛ wɔn a wɔbɔ nhyiam baagye no asiesie wɔn ho kama sɛnea ɛsɛ, na wɔnyɛ wɔn ho basabasa nhyɛ ntade a ɛkanyan nna ho akɔnnɔ te sɛ nea wɔyɛ wɔ wiase no mu no. (1 Tim. 2:9, 10) Enti, ɛsɛ sɛ yɛbɔ yɛn baagye bere nyinaa na afei yɛhwɛ yɛn ntadehyɛ ne yɛn ahosiesie yiye bere a yɛkɔ kurow a wɔyɛ nhyiam no wom mu ne bere a yɛrefi hɔ no. Nika anaa T-shɛɛt a yɛbɛhyɛ de akɔ kurow a yɛbɛyɛ nhyiam no wom no mu no renkyerɛ obu. Sɛ wɔyɛ nhyiam no wɔ nhyiambea a wonkuruu so mu mpo a, ɛsɛ sɛ yɛn ntade yɛ nea nidi wom bere nyinaa. Sɛ yɛpaw sɛ yɛbɛsesa yɛn ntade bere a yɛapɔn nhyiam no na yɛakɔ baabi anaa yɛakodidi a, ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ yɛda so ara yɛ nhyiamfo, enti ɛnsɛ sɛ yɛhyɛ ntade a ɛmfata.
7. Ɔkwan biako bɛn na yebetumi afa so na ama yɛne yɛn nuanom Kristofo de biakoyɛ ayɛ ade wɔ ɔmantam nhyiam no ase?
7 Wɔ afahyɛ a na Israelfo di afe biara ase no, na wɔne wɔn mfɛfo asomfo a wofi ɔman no mmeae afoforo ne aman ahorow so bɔ fekuw a ɛma denhyɛ, na eyi ma asomdwoe tena wɔn ntam. (Aso. 2:1, 5) Sɛ yɛyɛ amantam nhyiam a, yehu yɛn Kristofo nuayɛ a ɛda nsow no yiye. Wɔn a wɔhwɛ yɛn no ani taa gye yɛn honhom fam paradise a ɛyɛ fɛ no fã yi ho. (Dw. 133:1) Sɛ́ anka yebefi nhyiam no ase akɔtɔ aduan bere a yɛregye yɛn ahome awiabere no, ɛyɛ papa sɛ yɛbɛfa aduan kakra a yebedi awia akɔ na yɛde hokwan a yebenya no ne anuanom a wɔte bɛn yɛn no abɔ nkɔmmɔ!
8. Nneɛma bɛn nti na ɛsɛ sɛ yetu yɛn ho ma yɛ adwuma bere a yɛn tebea ma yɛn kwan no?
8 Mpɛn pii no, yɛn amantam nhyiam a yɛyɛ ho nhyehyɛe yiye na biribiara kɔ so pɛpɛɛpɛ no ma wɔn a wɔhwɛ yɛn no ani gye, ne titiriw bere a wohu sɛ atuhoamafo na wɔyɛɛ adwuma no nyinaa no. So wutumi ‘tu wo ho ma koraa’ yɛ adwuma wɔ nhyiam ase? (Dw. 110:3) Mmusua bi mufo nyinaa taa tu wɔn ho ma yɛ adwuma sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛtete wɔn mma ma wɔahu sɛnea wotu wɔn ho ma. Sɛ wofɛre ade a, adwuma a wobɛyɛ wɔ nhyiam no ase no yɛ ɔkwampa a wobɛfa so ahyia nhyiamfo afoforo. Onuawa bi kae sɛ: “Wɔ m’abusua ne me nnamfo kakraa bi a minim wɔn akyi no, na minnim wɔn a wɔwɔ hɔ no mu pii. Nanso, bere a meboa ma wosiesiee hɔ no, mihyiaa anuanom mmarima ne mmea pii. M’ani gyei paa!” Adwuma a yɛbɛyɛ de aboa nhyiam no na ama yɛanya nnamfo afoforo no bɛma yɛn ani agye paa. (2 Kor. 6:12, 13) Sɛ wuntuu wo ho mmae da a, bisa mpanyimfo no ma wɔnkyerɛ wo ɔkwan a wubetumi afa so aboa.
9. Ɔkwan bɛn na yɛbɛfa so ato nsa afrɛ afoforo ma wɔaba nhyiam no bi?
9 To Nsa frɛ Afoforo Ma Wommetie Nokware No: Yɛbɛyɛ ɔsatu de ato nsa afrɛ afoforo ma wɔaba nhyiam no bi bere a aka adapɛn abiɛsa na yɛafi ase no. Asafo ahorow no bɛpɛ sɛ wɔde nsato krataa no yɛ adwuma wɔ wɔn asasesin no mu sɛnea wubetumi de ato nsa afrɛ afoforo. (Hwɛ adaka “Ɔkwan Bɛn na Wobɛfa so De Nsato Krataa no Ama?”) Sɛ nsato krataa no bi ka a, ɛsɛ sɛ mode kɔ ɔmantam nhyiam no ase. Nhyiamfo no de bedi bɔnnɔ so adanse bere a wɔwɔ kurow a yɛbɛyɛ nhyiam no wom mu no.
10. Ka osuahu ahorow a ɛkyerɛ sɛ biribi pa fi ɔsatu a yɛde to nsa frɛ nkurɔfo afe biara no mu ba.
10 So nkurɔfo yɛ ɔsatu a yɛyɛ no afe biara yi ho biribi? Wɔ ɔmantam nhyiam bi ase no, wɔn a wogye ahɔho no mu biako boaa awarefo bi ma wonyaa akongua tenaa so. Wɔka kyerɛɛ no sɛ, wonyaa nsato krataa no bi, na “wosusuw sɛ ɛbɛyɛ anigye.” Wɔde wɔn kar twaa akwansin 200 bae! Afei nso, onuawa bi a na ɔreyɛ afie fie asɛnka adwuma no de nsato krataa no bi maa ɔbarima bi a na ɛte sɛ nea ɔpɛ sɛ ohu yɛn nhyiam no ho biribi. Enti ogyee bere ne no susuw nsato krataa no ho. Nna kakraa bi akyi bere a na onuawa no wɔ nhyiam no ase no, ohuu ɔbarima no ne ne yɔnko bi, na na wokura nhoma a woyii no adi wɔ nhyiam no ase no bi!
11. Dɛn nti na ɛho hia sɛ yɛkɔ ɔmantam nhyiam a yɛyɛ no afe biara no bi?
11 Ná afahyɛ a wodi no afe biara no yɛ nhyehyɛe a ɔdɔ wom a Yehowa yɛ de boa Israelfo no ma wɔde ‘koma kronn ne nokwaredi som no.’ (Yos. 24:14) Saa ara na ɔmantam nhyiam a yɛyɛ no afe biara a yɛkɔ bi no boa ma ‘yɛkɔ so nantew nokware no mu,’ na ɛyɛ yɛn som fã titiriw. (3 Yoh. 3) Yehowa nhyira mmɔden a wɔn a wɔdɔ nokware no nyinaa rebɔ sɛ wɔbɛkɔ nhyiam no bi na wɔanya so mfaso koraa no so!
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 5]
Abrabɔ pa a yɛda no adi bere a yɛwɔ kurow a yɛyɛ nhyiam no wom mu no ma nokware no ho ba nyam
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 6]
Yɛbɛyɛ ɔsatu de ato nsa afrɛ afoforo ma wɔaba nhyiam no bi bere a aka adapɛn abiɛsa na yɛafi ase no
[Kratafa 6 adaka]
Ɔkwan Bɛn na Wobɛfa so De Nsato Krataa no Ama?
Nea ɛbɛyɛ na yɛatumi ayɛ yɛn asasesin mu adwuma awie no, ebehia sɛ yɛma yɛn nsɛm yɛ ntiantiaa. Yebetumi aka sɛ: “Mikyia wo. Yɛde krataa yi reto nsa afrɛ afoforo akɔ nhyiam bi a wɔbɛyɛ wɔ wiase nyinaa ase. Wo de ni. Wubehu ɛho nsɛm pii wɔ krataa yi so.” Fa anigye ka ho asɛm. Sɛ worekyekyɛ krataa no dapɛn awiei a, ɛsɛ sɛ wode nsɛmma nhoma nso ma wɔ bere a ɛfata mu.