Yɛn Intanɛt Dwumadibea—Fa Di Dwuma wɔ Asɛnka Mu
Twe Nkurɔfo Adwene Kɔ Intanɛt Dwumadibea no So: Ebinom a wɔmpɛ sɛ wɔne yɛn bɔ nkɔmmɔ anaa wogye yɛn nhoma no wɔ ɔpɛ sɛ wɔbɛhwehwɛ Yehowa Adansefo ho nsɛm ma enti wɔkɔ jw.org so wɔ wɔn ankasa afie mu. Enti, fa hokwan biara a wubenya no ka Intanɛt dwumadibea no ho asɛm kyerɛ nkurɔfo.
Ma Nsɛmmisa Ho Mmuae: Ɛtɔ mmere bi a ofiewura bi, obi a n’ani gye asɛm no ho, anaa ɔmannifo bi betumi abisa asɛm bi afa Yehowa Adansefo anaa yɛn gyidi ho. Fa mobile fon anaa biribi a ɛte saa anaa kɔmputa so kyerɛ no mmuae no wɔ hɔ ara. Mpɛn pii no, ɛyɛ papa sɛ wobɛkenkan kyerɛw nsɛm a wɔatwe adwene asi so no afi Bible mu tẽẽ. Sɛ worennya Intanɛt amonom hɔ ara a, kyerɛ onipa no ɔkwan a obetumi afa so anya n’asɛmmisa no ho mmuae wɔ jw.org so.—Kɔ “Bible Teachings” na hwɛ “Bible Questions Answered” anaa kɔ “About Us” na hwɛ “Frequently Asked Questions” afã hɔ.
Twe Asɛm Anaa Nhoma Bi Fa Mena Obi a Wunim No: Twe PDF anaa EPUB fi Intanɛt so fa mena. Anaa twe nhoma mu nsɛm a wɔbɔ tie gu CD so. Bere biara a wobɛtwe nhoma, nhomawa, anaa nsɛmma nhoma bi mu nsɛm nyinaa de amena obi a ɔmmɔɔ asu no, wubetumi abu ho akontaa. Ɛnsɛ sɛ yɛtwe biribi kɔma nnipa bi a yɛremma wonhu sɛ efi yɛn hɔ, anaa yɛde mena nnipakuw bi wɔ bere koro mu. Saa ara nso na ɛnsɛ sɛ yɛtwe biribi wɔ hɔ kɔto Intanɛt dwumadibea foforo biara.—Kɔ “Nhoma” afã hɔ.
Fa Nsɛm Foforo a Ɛfa Yehowa Adansefo Ho Kyerɛ: Eyi bɛboa wo Bible asuafo ne wɔn a wokɔ wɔn nkyɛn no ma wɔanya anisɔ kɛse ama yɛn wiase nyinaa adwuma no ne yɛn Kristofo nuayɛkuw no. (Dw. 133:1)—Kɔ “News” afã hɔ.
[Nsɛm a wɔahyehyɛ wɔ kratafa 5]
(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)
Sɔ Hwɛ
1 Sɛ wokɔ “Nhoma” afã hɔ a, wubehu nneɛma a wopɛ sɛ wotwe bi no. Afei hwɛ asɛm anaa nsɛm a wɔbɔ tie no mu nea wopɛ na klik so.
2 Klik MP3 no so na hwɛ nsɛmti a wɔahyehyɛ wɔ hɔ no. Klik asɛmti no so na twe bi anaa ▸ bɔ tie wɔ Intanɛt no so.
3 Sɛ wopɛ sɛ wotwe kasa foforo mu de a, kɔ beae a wɔahyehyɛ kasa ahorow wɔ hɔ no.