Momfa Adiyifo no Nyɛ Nhwɛsode—Yona
1. Su pa bɛn na na Yona wɔ?
1 Sɛ woresusuw odiyifo Yona ho a, dɛn na ɛba w’adwenem? Ebinom besusuw sɛ na ɔyɛ ohufo anaa otirimɔdenfo. Nanso, ɔdaa ahobrɛase, akokoduru, ne ahofama adi pefee. Yɛbɛyɛ dɛn ama su pa a Yona daa no adi no ayɛ “nhwɛsode” ama yɛn?—Yak. 5:10.
2. Yɛbɛyɛ dɛn asuasua Yona ahobrɛase no?
2 Ahobrɛase: Mfiase no, Yona guan fii adwuma a wɔde hyɛɛ ne nsa no ho de n’ani kyerɛɛ baabi foforo. Eyi nyɛ nwonwa efisɛ na Asiriafo no agye din wɔ nsɛmmɔnedi mu, na na wɔfrɛ Niniwe sɛ “mogya kurow.” (Nah. 3:1-3) Nanso, Yehowa teɛɛ Yona so, na bere a ɔmaa no hokwan foforo no ofi ahobrɛase mu kɔyɛɛ adwuma no. (Mmeb. 24:32; Yona 3:1-3) Ɛwom sɛ mfiase no oguanee de, nanso ɔyɛɛ Yehowa apɛde. (Mat. 21:28-31) So yɛn nso yɛasi yɛn bo sɛ, sɛ wɔteɛ yɛn so anaa yehyia nsɛnnennen wɔ yɛn asasesin mu mpo a, yɛbɛkɔ so aka asɛmpa no?
3. Ɔsom adwuma no afã bɛn na ehia sɛ wode akokoduru ne ahofama yɛ?
3 Akokoduru ne Ahofama: Bere a Yona hui sɛ gyinae bɔne a osii no de hyɛn no mufo nkwa ato asiane mu no, na ɔwɔ ɔpɛ sɛ ɔde ne nkwa bɛbɔ afɔre. (Yona 1:3, 4, 12) Akyiri yi, bere a na ɔreyɛ adwuma a wɔde hyɛɛ ne nsa wɔ Niniwe no, otwaa kwan kɔɔ kurow no mfinimfini, ɛbɛyɛ sɛ na ɔrehwehwɛ baabi a ɛfata a obetumi aka Yehowa atemmusɛm no wɔ hɔ. Onyankopɔn diyifo a ɔwɔ akokoduru na obetumi ayɛ saa na ɛnyɛ obi a ɔyɛ ohufo! (Yona 3:3, 4) Na yɛn nso ɛ? Sɛ yehyia ɔsɔretia a, yehia akokoduru a efi Onyankopɔn hɔ na ama yɛatumi adi adanse a yensuro. (Aso. 4:29, 31) Yehia ahofama nso na yɛatumi de yɛn bere ne yɛn ahode ayɛ ɔsom adwuma no.—Aso. 20:24.
4. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yegye bere susuw nhwɛso pa a Yehowa adiyifo yɛe no ho?
4 Bere biara a wobɛkenkan Bible mu asɛm bi a ɛfa Yehowa diyifo bi ho no, fa no sɛ ɛyɛ wo na wowɔ saa tebea no mu na ɛbɛma woanya so mfaso kɛse. Bisa wo ho sɛ: ‘Sɛ ɛyɛ me a, anka dɛn na mɛyɛ? Mɛyɛ dɛn asuasua saa su pa no wɔ m’asetena mu?’ (Heb. 6:11, 12) Yebesusuw nneɛma pa a yebetumi asua afi Yehowa adiyifo anokwafo afoforo hɔ wɔ Yɛn Ahenni Som ahorow bi a ɛbɛba mu.