Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 5/13 kr. 1
  • Dɛn na Ɛkanyan Yɛn Ma Yɛka Asɛm No?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Dɛn na Ɛkanyan Yɛn Ma Yɛka Asɛm No?
  • Yɛn Ahenni Som—2013
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Yɛyɛ De Kyerɛ Sɛ Yɛdɔ Yɛn Yɔnko
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
  • “Dɔ Wo Yɔnko Sɛ Wo Ho”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
  • ‘Wodɔ Wo Yɔnko sɛ Wo Ho’?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
  • Wo Dɔ Kɔ Akyiri Kodu He?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2013
km 5/13 kr. 1

Dɛn na Ɛkanyan Yɛn Ma Yɛka Asɛm No?

1. Henanom ho dɔ na ɛkanyan yɛn ma yɛyɛ asɛnka adwuma no?

1 Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa a yɛka no ne adwuma a mfaso wɔ so sen biara a yebetumi ayɛ nnɛ. Nokwarem no, yɛnam adwuma koro yi ara so di mmara abien a ɛyɛ kɛse sen biara no so. Ɛno ne ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa ne yɛn yɔnko nnipa. (Mar. 12:29-31) Ɔdɔ ne su a ebetumi akanyan yɛn ma yɛde nsi ayɛ asɛnka adwuma no.​—1 Yoh. 5:3.

2. Ɔkwan bɛn so na asɛnka adwuma a yɛyɛ no da adi sɛ yɛdɔ Yehowa?

2 Yehowa Ho Dɔ: Ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa, yɛn Adamfo a ɔsen biara no kanyan yɛn ma yɛka ne ho asɛmpa. Bɛyɛ mfe 6,000 ni na Satan aka atosɛm afa no ho. (2 Kor. 4:3, 4) Ɛno nti, nkurɔfo gye di sɛ Onyankopɔn yɛ abɔnefo ayayade wɔ hellgya mu, ɔyɛ Baasakoro nwonworann bi, na onnwen nnipa ho. Nnipa pii mpo anya adwene sɛ onni hɔ. Hwɛ sɛnea yɛn ho pere yɛn sɛ yɛbɛma nkurɔfo ahu yɛn soro Agya no ho nokwasɛm! Nsi a yɛde yɛ asɛnka adwuma no ma Onyankopɔn ani gye paa, na ɛhyɛ Satan abufuw.​—Mmeb. 27:11; Heb. 13:15, 16.

3. Ɔkwan bɛn so na asɛnka adwuma a yɛyɛ no ma yɛda yɔnkodɔ adi?

3 Yɔnkodɔ: Bere biara a yebedi obi adanse no, yɛda no adi sɛ yɛdɔ no. Ɛho abehia paa sɛ nnipa te asɛmpa no wɔ mmere a emu yɛ den yi mu. Nnipa pii yɛ wɔn ade te sɛ Niniwefo a na wɔwɔ Yona bere so no. Ná “wonnim wɔn nifa nnim wɔn benkum.” (Yona 4:11) Yɛnam asɛnka adwuma no so kyerɛkyerɛ nkurɔfo ma wonya asetena a anigye ne abotɔyam wom. (Yes. 48:17-19) Ɛma wonya anidaso. (Rom. 15:4) Sɛ wotie asɛm no na wɔde nea wosua no bɔ wɔn bra a, “wobegye [wɔn] nkwa.”​—Rom. 10:13, 14.

4. Dɛn na Yehowa werɛ remfi da?

4 Mmofra pa bɔ mmɔden sɛ wɔbɛdɔ wɔn awofo bere nyinaa. Wɔntwɛn bere pɔtee bi ansa na wɔada ɔdɔ adi akyerɛ wɔn. Saa ara na ɔdɔ a emu yɛ den a yɛwɔ ma Onyankopɔn ne yɛn yɔnko nnipa no bɛkanyan yɛn ma yɛde hokwan biara a yebenya no adi adanse. Yɛrentwɛn mma asɛnka bere nso ansa na yɛadi adanse. Yɛbɛkɔ so aka asɛm no, yɛrennyae. (Aso. 5:42) Yehowa werɛ remfi ɔdɔ a ɛte saa a yɛda no adi no da!​—Heb. 6:10.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena