Ka Nsɛmma Nhoma Biako Ho Asɛm, Nanso Fa Abien no Nyinaa Ma
Nsɛmti a ɛyɛ anigye pii wɔ Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma no mu. Sɛ́ anka yɛbɛbɔ mmɔden aka emu asɛm foforo wɔ ofie biara mu no, mpɛn pii no ɛyɛ papa sɛ yɛne wɔn susuw emu asɛm biako pɛ ho. Sɛ yɛde yɛn ani to fam, na afei nso yehu nsɛmma nhoma no mu nsɛm yiye a, yebetumi apaw asɛm bi a ofiewura no ani begye ho afi Ɔwɛn-Aban anaa Nyan! no mu. Sɛ nhwɛso no, sɛ yehu nneɛma a mmofra de di agoru wɔ ofie bi mu a, yebetumi apaw asɛm bi a ɛfa abusua asetena ho. Sɛ yɛkɔto ɔbarima a, yebetumi ne no asusuw asɛm bi a mmarima ani gye ho te sɛ aban pa ho. Ɛwom sɛ yɛbɛka nsɛmma nhoma no biako pɛ ho asɛm de, nanso mpɛn pii no sɛ ofiewura no kyerɛ ho anigye a, ɛsɛ sɛ yegyaw abien no nyinaa ma no.