Si Bible Adesua a Yebefi Ase wɔ Memeneda a Edi Kan so Dua
Efi May 2011 no, wɔhyɛɛ adawurubɔfo nkuran sɛ wɔmmɔ mmɔden sɛ wobefi Bible adesua ase wɔ Memeneda a edi kan wɔ ɔsram biara mu no mu. Nea ɛbɛboa ma yɛatumi ayɛ saa no, wɔasiesie ɔfã bi wɔ Ɔwɛn-Aban a yɛde ma ɔmanfo no mu a asɛmti no ne “Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae.” Enti, ɛsɛ sɛ asɛnka nhyiam a mobɛyɛ wɔ Memeneda a edi kan mu no twe adwene si ɔkwan a yɛbɛfa so de ɔfã yi afi Bible adesua ase no so. Ɛsɛ sɛ moyɛ ɔkwan a yɛbɛfa so de nsɛmma nhoma no ama ho ɔyɛkyerɛ.
Asafo mu mpanyimfo betumi asi gyinae sɛ asɛnka kuw biara mufo nhyia wɔ wɔn kuw mu wɔ Memeneda a edi kan no mu, anaa wobetumi asi gyinae sɛ akuw no nyinaa nhyia wɔ Ahenni Asa so. Nanso, sɛ asafo ahorow na ehyia wɔ Ahenni Asa no so a, ɛnsɛ sɛ asafo biara tu saa da titiriw yi a yɛde fi Bible adesua ase no hyɛ da foforo sɛnea ɛbɛyɛ a asɛnka akuw no nyinaa betumi abom ayɛ asɛnka nhyiam.