Nea Ɛbɛma Yɛatu Mpɔn wɔ Asɛnka Mu—Dwinnwen Nea Wubedi Kan Aka Ho
Nea Enti a Ɛho Hia: Sɛ yɛkɔ asɛnka a, asɛm a yebedi kan aka ho hia paa, efisɛ, sɛ anyɛ fiewura no dɛ a, obetwa yɛn ano, na yɛrentumi nni no adanse. Enti, adawurubɔfo pii mfa wɔn nnianim nsɛm nni agorɔ koraa. Sɛ yɛhwɛ Yɛn Ahenni Som ne Reasoning nhoma no mu a, yehu nnianim nsɛm pii wom; ebi wɔ hɔ a wɔafi nkɔmmɔbɔ no ase sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi atoa so. Sɛ wɔaka biribiara wɔ nnianim asɛm bi mu mpo a, wubetumi asesa mu anaa wo ara wubetumi apɛ foforo. Enti, ɛnsɛ sɛ yɛkɔbɔ obi pon mu bere a yennim nea yɛbɛka. Ɛba saa a yɛbɛbɔ yɛn tirim akasa, na ɛremmoa. Mmom, ɛsɛ sɛ yegye bere dwinnwen nea yɛbɛka ho ansa na yɛakɔ asɛnka; ɛbɛma yɛatumi adi adanse yiye.—Mmeb. 15:28.
Sɔ Eyi Hwɛ wɔ Ɔsram Yi Mu:
Sɛ moreyɛ abusua som a, monnye bere nhwehwɛ nnianim nsɛm a mode bɛyɛ adwuma wɔ asɛnka mu, na mommobɔ so.
Sɛ wo ne obi nam asɛnka mu a, ka wo nnianim asɛm no kyerɛ no. (Mmeb. 27:17) Sɛ wuhu sɛ wo nnianim asɛm no nkɔ yiye a, sesa no.