Asɛmmisa Afã
◼ Dɛn na ɛsɛ sɛ mmofra sua na ama wɔanya nkɔso wɔ Onyankopɔn som mu?
Sɛ awofo a wɔyɛ Kristofo betumi atete wɔn mma wɔ “Yehowa nteɛso ne nyansakyerɛ mu” a, egye adwumaden paa. (Efe. 6:4) Nea awofo bi yɛ ne sɛ, anɔpa biara wɔne wɔn mma yɛ daa asɛm, na eyi boa wɔn paa. Awofo, sɛ mo ne mo mma reyɛ abusua som anaa biribi foforo a, mubetumi ahwɛ asafo video na moabɔ ho nkɔmmɔ. Mubetumi nso afa Young People Ask nhoma no mu asɛm bi na moasusuw ho. Mopɛ nso a, momfa Bible mu asɛm bi nyɛ drama, anaa monyɛ sɛnea mobɛkyerɛkyerɛ mo gyidi mu akyerɛ afoforo ho ɔyɛkyerɛ. Nanso, sɛ mmofra no ho ‘bɛkokwaw’ a, ɛsɛ sɛ awofo de Bible mu nokware a emu dɔ kyerɛkyerɛ wɔn.—Heb. 6:1.
Fa sɛnea yɛkyerɛkyerɛ nkurɔfo wɔ asɛnka mu no sɛ nhwɛso. Sɛ yɛkɔ obi nkyɛn da a edi kan anaa yɛkɔyɛ sankɔhwɛ a, yɛbɔ mmɔden sɛ yɛne no befi ase asua Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? nhoma no. Sɛ yesua saa nhoma no wie a, yɛde nhoma a ɛne: “Momfa Mo Ho Nsie Onyankopɔn Dɔ Mu” no toa so. Adɛn ntia? Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no ma osuani no hu Bible mfitiase nkyerɛkyerɛ. “Onyankopɔn Dɔ” nhoma no de, ɛma ohu sɛnea ɔde Bible nnyinasosɛm bɛyɛ adwuma wɔ n’asetena mu. Sɛ yɛne nkurɔfo sua nhoma mmienu yi a, ɛboa wɔn ma wogye “ntini” wɔ Kristo mu, na ‘wotintim wɔ gyidi no mu.’ (Kol. 2:6, 7) Wunhu sɛ nhoma mmienu yi betumi aboa yɛn mma no nso? Wɔn nso ɛsɛ sɛ yɛkyerɛkyerɛ wɔn ma wɔte agyede no ase, wohu sɛnea Ahenni no te, ne tebea a awufo wom. Ɛsɛ sɛ wohu nea enti a Onyankopɔn ama kwan ma nnipa rehu amane, ne nneɛma a ɛkyerɛ sɛ yɛte nna a edi akyiri mu. Ɛsɛ sɛ wɔn ankasa gye di sɛ Yehowa Adansefo na wokura nokware som no. Ehia paa sɛ yɛn mma hu Bible nnyinasosɛm na wɔde bɔ wɔn bra, na wɔde tete wɔn “adwene” yiye. (Heb. 5:14) Eyi mu no, ɛsɛ sɛ awofo hwɛ mfe a wɔn mma adi ne nneɛma a wobetumi ate ase na ama wɔahu nhoma ko a wɔne wɔn besua. Nanso, mmofra pii wɔ hɔ a, wofi wɔn mmofra ase tumi sua Bible mu nokware a emu dɔ te ase.—Luka 2:42, 46, 47.
Wɔde biribi bɛto jw.org a ɛbɛboa awofo ma wɔakyerɛkyerɛ wɔn mma. Wɔbɛfa emu nsɛm no afi Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no mu, na ɛbɛba “BIBLE TEACHINGS > TEENAGERS” afã hɔ. Akyiri yi, wɔde “Onyankopɔn Dɔ” nhoma no mu nsɛm bɛka ho. Eyi nkyerɛ sɛ worentumi mfa nhoma no ankasa nyɛ adwuma. Sɛ awofo pɛ sɛ wɔde nnwinnade yi yɛ adwuma bere a wɔreyɛ wɔn anwummere Abusua Som, wɔne wɔn mma no mu baako resua ade, anaa bere a wɔreboa abofra no ma wahu sɛnea ɔno ankasa begye bere de asua ade a, awofo no ankasa betumi asi ho gyinae.