Nsɛm a Yebetumi Aka
De afi Bible adesua ase wɔ Memeneda a edi kan wɔ wɔ July mu
“Sɛ yɛbɔ mpae a, dɛn na Onyankopɔn yɛ wɔ ho? Wohwɛ a, ɛho hia no anaa otie ara kɛkɛ?” Twɛn ma omua. Afei, fa asɛm a ɛwɔ July 1 Ɔwɛn-Aban no akyi kyerɛ no, na munsusuw asɛm a ɛwɔ asɛmmisa a edi kan no ase no ho; anyɛ yiye koraa no monkenkan kyerɛwsɛm baako na munsusuw ho. Fa nsɛmma nhoma no ma no, na yɛ nhyehyɛe san kɔsra no na munsusuw asɛmmisa a edi hɔ no ho.
Ɔwɛn-Aban July 1
“Sɛ yɛhwɛ wiase a, yehu sɛ nneɛma bɔne nko ara na ɛrekɔ so. Yenim nso sɛ Onyankopɔn yɛ ade nyinaa so tumfoɔ, wususuw sɛ ɛno nti yebetumi aka sɛ ɔno na wama nneɛma bɔne yi nyinaa rekɔ so? [Twɛn ma omua. Afei kenkan Yakobo 1:13.] Nhoma a ekura me yi kyerɛkyerɛ nea enti a nneɛma bɔne sisi, afei ɛma yehu nea Onyankopɔn bɛyɛ de ayi nneɛma bɔne ne amanehunu afi hɔ.”
Nyan! July
“Wiase yi mu a yɛwɔ yi, asɛm tumi to obiara. Atoyerɛnkyɛm betumi ato wo, yarewuo betumi abɔ wo, na wo ho nipa nso betumi awu. Sɛ biribi a ɛte saa to wo a, wohwɛ a, dɛn na ɛho hia sɛ woyɛ? [Twɛn ma omua.] Nnipa pii ahu sɛ, sɛ asɛm to wɔn a, Bible tumi boa wɔn. [Kenkan Romafo 15:4.] Nhoma yi ma yehu sɛnea asɛm to yɛn a Bible betumi aboa yɛn.”