Momfa Adiyifo no Nyɛ Nhwɛsode—Sefania
1. Sefania bɛyɛɛ odiyifo no, na dɛn na ɛrekɔ so wɔ Yuda? Nhwɛso bɛn na ɔyɛe a ɛnnɛ yebetumi asua?
1 Bɛboro mfe 2,600 atwam ni no, na Baal som atu atese wɔ Yuda man no mu. Ná wɔakum ɔhemmɔne Amon ma abofra Yosia redi hene. (2 Be. 33:21–34:1) Saa bere no ara na Yehowa de n’atemmusɛm hyɛɛ Sefania nsa sɛ ɔnka nkyerɛ nkurɔfo no. Ɛbɛyɛ sɛ na Sefania fi Yuda adehye abusua mu, nanso ɔde akokoduru kaa Yehowa atemmusɛm kyerɛɛ Yuda akannifo no. (Sef. 1:1; 3:1-4) Ɛnnɛ, yɛn nso yɛbɔ mmɔden suasua Sefania de akokoduru som Yehowa. Enti yɛmmma yɛn abusuafo ho dɔ nsɛe ɔsom a yɛde ma Yehowa no. (Mat. 10:34-37) Dɛn na Sefania kaa ho asɛm, na dɛn na efii mu bae?
2. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na Yehowa abufuw da no pae gu a, yɛanya yɛn ti adidi mu?
2 Hwehwɛ Yehowa: Yehowa nkutoo na obetumi agye obi n’abufuw da no. Ɛno nti, Sefania ka kyerɛɛ Yudafo no sɛ bere da so wɔ hɔ no, wɔnhwehwɛ Yehowa, wɔnhwehwɛ trenee, na wɔnhwehwɛ ahobrɛase. (Sef. 2:2, 3) Saa ara na ɛsɛ sɛ yɛyɛ nnɛ. Yɛhyɛ afoforo nkuran sɛ wɔnhwehwɛ Yehowa te sɛ nea Sefania yɛe no, nanso ɛsɛ sɛ yesi yɛn bo sɛ ‘yɛrentwe yɛn ho mmfi Yehowa ho.’ (Sef. 1:6) Enti, ɛsɛ sɛ yɛtɔ yɛn bo ase sua Onyankopɔn Asɛm na yɛbɔ mpae hwehwɛ n’akwankyerɛ. Yɛyɛ saa a, na yɛrehwehwɛ Yehowa. Yɛbɛbɔ bra pa de ahwehwɛ trenee. Yɛbɛbrɛ yɛn ho ase, na akwankyerɛ biara a Yehowa ahyehyɛde no de bɛma yɛn no yɛatie.
3. Adɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn abam bu wɔ asɛnka adwuma no ho?
3 Ebetumi Asow Aba Pa: Sefania atemmusɛm no kaa Yudafo binom koma. Wɔn mu baako a ɛkaa ne koma paa ne aberantewa Yosia; ne mmofraase pɛɛ na ofii ase hwehwɛɛ Yehowa. Bere bi akyi no, Yosia kekaa ne ho tuu abosonsom ase fii asase no so. (2 Be. 34:2-5) Ɛnnɛ, yegu Ahenni aba no a, ebi kogu kwankyɛn na ebi nso kogu abotan so anaa nsɔe mu. Nanso, ebi gu asase pa mu ma ɛsow aba. (Mat. 13:18-23) Enti yɛyere yɛn ho gu Ahenni aba no a, yɛwɔ ahotoso sɛ Yehowa bɛkɔ so ahyira yɛn adwuma no so.—Dw. 126:6.
4. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ ‘yɛtwɛn Yehowa’?
4 Ná Yudafo binom wɔ adwene sɛ Yehowa renyɛ nea na ɛrekɔ so no ho hwee. Nanso, Yehowa maa wɔn nyinaa hui sɛ ne da kɛse no abɛn. (Sef. 1:12, 14) Wɔn a wɔde Yehowa bɛyɛ wɔn guankɔbea no nkutoo na obegye wɔn nkwa. (Sef. 3:12, 17) Bere a ‘yɛretwɛn Yehowa’ no, momma yɛne yɛn nuanom mfa anigye ne biakoyɛ mmom nsom yɛn Nyankopɔn Kɛse no!—Sef. 3:8, 9.