“Ma Asɛm . . . Yi Nna Wo Koma So”
Awofo te sɛ nnwanhwɛfoɔ. Ɛsɛ sɛ wɔma wɔn ani ku wɔn mma ho na asiane biara anto wɔn. (Mmeb. 27:23) Ɛnneɛ, awofo bɛyɛ dɛn ayɛ wɔn adwuma yi? Ɛsɛ sɛ wɔgye bere ne wɔn mma bɔ nkɔmmɔ da biara da na ama wɔahu nea ɛwɔ mmofra no adwene ne wɔn komam. (Mmeb. 20:5) Afei ɛsɛ sɛ awofo de nneɛma a ogya ntumi nhye boa wɔn mma ma wɔn ase ntim wɔ gyidi no mu. (1 Kor. 3:10-15) Video a wɔato din “Ma Asɛm . . . Yi Nna Wo Koma So” ma yɛhu sɛ ɛhia sɛ yɛyɛ abusua som daa. Abusua biara nhwɛ video yi. Mowie a, monsusu nsɛmmisa a ɛdidi so yi ho.
(1) Dɛn nti na na Onua Odoi abusua no mfa Onyankopɔn som aniberesɛm? (2) Adɛn nti na mfiase no ɔkwan a Onua Odoi faa so yɛɛ abusua som no ankɔ yie? (3) Ɔkwan bɛn na Bible kyerɛ sɛ yɛbɛtumi afa so atete mmofra? (Deut. 6:6, 7) (4) Dɛn na ɛbɛboa ma okunu, ɔyere, ne mmofra no nyinaa atumi abɔ nkɔmmɔ? (5) Dɛn na ɛsɛ sɛ awofo de bɔ afɔre ma wɔn mma? (6) Ɛdɛn na Onua ne Onuawa Baffoe yɛeɛ a ɛboaa Onua Odoi abusua no? (Mmeb. 27:17) (7) Sɛ abusua som bɛkɔ yie a, ahoboa bɛn na ɛsɛ sɛ abusua ti no di kan yɛ? (8) Ɔkwan bɛn na Onua Odoi faa so siesiee nneɛma wɔ n’abusua mu? (9) Adɛn nti na ɛhia sɛ yɛyɛ abusua som daa a yɛntoto mu? (Efe. 6:4) (10) Nneɛma bɛn saa na yɛbɛtumi asusu ho wɔ abusua som ase? (11) Bere a Onua Odoi pɛ sɛ ɔboa Marcus ma ɔyɛ nea ɛteɛ no, dɛn na ɔyɛeɛ a ɛkyerɛ sɛ ɔwɔ abotare nanso ɔsi pi? (Yer. 17:9) (12) Bere a Onua ne Onuawa Odoi pɛ sɛ wɔboa Rebecca ma ɔhu nea ɛsɛ sɛ ɔyɛ wɔ ɔne Justice ayɔnkofa ho no, sɛn na wɔne Rebecca susuu nsɛm ho? (Mar. 12:30; 2 Tim. 2:22) (13) Nsakrae bɛn na Onua ne Onuawa Odoi yɛeɛ a ɛkyerɛ sɛ wɔwɔ gyidi? (Mat. 6:33) (14) Dɛn na ɛwɔ video yi mu a ɛma yɛhu sɛ ɛsɛ sɛ abusua ti biara boa n’abusua ma wɔtumi som Yehowa yie? (1 Tim. 5:8) (15) Woyɛ abusua ti a, dɛn na woasi wo bo sɛ wobɛyɛ?
MMUSUA TI NHYƐ NO NSOW: Yɛhwɛɛ drama yi wɔ ɔmantam nhyiam a yɛyɛɛ no afe 2011 no ase. Saa bere no, wohuu sɛ ɛhia sɛ woyɛ nsakrae bi na w’abusua som akɔ yie? Ɛnnɛ nso ɛ? Wohwɛ a, ɛbɛhia sɛ wosan yɛ nsakrae bi? Sɛ saa a, ɛnneɛ srɛ Yehowa na ɔmmoa wo na w’abusua no anya nhyira a ɛnni kabea.—Efe. 5:15-17.