Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 12/15 kr. 1
  • Momfa Adiyifo no Nyɛ Nhwɛsode​—Habakuk

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Momfa Adiyifo no Nyɛ Nhwɛsode​—Habakuk
  • Yɛn Ahenni Som—2015
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Fa Wo Ho To Yehowa So Na Nya Nkwa!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2018
  • Ahurusi A Yedi wɔ Yɛn Nkwagye Nyankopɔn No Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
  • Bere Tenten Bɛn Na Aka Ama Abɔnefo?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
  • Yehowa Rentwentwɛn Ne Nan ase
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2015
km 12/15 kr. 1

Momfa Adiyifo no Nyɛ Nhwɛsode​—Habakuk

1. Dɛn na ɛbɛtumi ama yɛate nka sɛ odiyifo Habakuk?

1 Nneɛma bɔne a atwa yɛn ho ahyia wɔ wiase mu no ma yɛtumi te nka sɛ Habakuk. Ɔbisaa Yehowa sɛ: “Adɛn nti na woma mehunu adebɔne na wokɔ so hwɛ ɔhaw yi? Adɛn nti na adesɛeɛ ne amumuyɔsɛm wɔ m’anim?” (Hab. 1:3; 2 Tim. 3:1, 13) Sɛ yɛdwendwene Habakuk gyidi ne asɛm a ɔkaeɛ no ho a, ɛbɛboa yɛn ama yɛagyina pintinn atwɛn Yehowa da no.—2 Pet. 3:7.

2. Dɛn na ɛnnɛ, yɛbɛtumi ayɛ de akyerɛ sɛ yɛwɔ gyidi?

2 Fa Gyidi Bɔ Wo Bra: Nneɛma bɔne a na ɛrekɔ so no amma Habakuk abam ammu. Mmom no, ɔyeree ne ho yɛɛ adwuma a Yehowa de hyɛɛ ne nsa no. (Hab. 2:1) Yehowa maa odiyifo yi awerɛhyem sɛ ne bɔhyɛ bɛbam ɔkwan biara so “na ɔteneneeni deɛ, ne gyidie na ɛbɛgye no nkwa.” (Hab. 2:2-4) Asuade bɛn na ɛwom ma Kristofo a yɛte awiei bere yi mu? Ɛnsɛ sɛ yɛde bere a awiei no bɛba no ha yɛn ho, mmom ɛsɛ sɛ yɛgye di sɛ ɔkwan biara so ɛbɛba. Sɛ yɛda gyidi adi a, ɛma yɛn ani da hɔ na ɛma yɛyere yɛn ho yɛ asɛnka adwuma no.—Heb. 10:38, 39.

3. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛkɔ so kura anigye a yɛde som Yehowa no mu?

3 Di Yehowa Mu Ahurusie: Sɛ Gog a ɔfiri Magog to hyɛ Yehowa nkurɔfo so a, ɛbɛsɔ yɛn gyidi ahwɛ. (Hes. 38:2, 10-12) Sɛ ɔkõ si a, ɛde ahokyere ba baabiara; wɔn a wɔdii nkonim no mpo hu amane. Ɛba saa a ɛtumi de ɔkɔm ba, nkurɔfo agyapade tumi sɛe na asetena mu yɛ den. Sɛ yɛhyia sɔhwɛ a, sɛn na yɛbɛyɛ yɛn ade? Ná Habakuk nim sɛ ɔbɛhyia nsɛnnennen, enti ɔyɛɛ n’adwene sɛ ɔremma ɛnsɛe anigye a ɔde som Yehowa no. (Hab. 3:16-19) Yɛn nso, sɛ daakye yɛhyia sɔhwɛ a, “Yehowa mu anigyeɛ” bɛma yɛatumi agyina ano.—Neh. 8:10; Heb. 12:2.

4. Anigye bɛn na yɛbɛtumi anya no seesei ne daakye?

4 Wɔbɛkɔ so akyerɛkyerɛ nnipa a Yehowa bɛgye wɔn nkwa wɔ n’atemmu da a ɛreba no mu, na ama wɔanya Onyankopɔn ho nimdeɛ. (Hab. 2:14) Awufo a wɔbɛnyane wɔn no nso bɛsua Yehowa ho ade. Seesei mpo, yɛbɛtumi de hokwan a yɛbɛnya biara aka Yehowa ne n’anwonwadwuma ho asɛm akyerɛ nkurɔfo!—Dw. 34:1; 71:17.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena