Ɛsɛ sɛ ɔfotufo nsɛm hyɛ afoforo den
16:4, 5
Hiob botowee na odii awerɛhow, enti na ehia sɛ afoforo boa no na wɔhyɛ no nkuran
Hiob nnamfo mmiɛnsa no anka awerɛkyekyesɛm biara ankyerɛ no. Mmom wɔbɔɔ no sobo, na ɛmaa ne haw yɛɛ kɛse
Nsɛm a ɛyɛ yaw a Bildad kae no teetee Hiob
19:2, 25
Hiob su frɛɛ Onyankopɔn sɛ ɔmma ne ho ntɔ no—ɔpɛe sɛ owu mpo
Hiob de n’ani sii owusɔre ho anidaso a na ɔwɔ no so, na ɔkɔɔ so gyinaa n’amanehunu no ano