BIBLE MU AKORADE | ƆSƐNKAFO 1–6
Ma W’ani Nnye W’adwuma Ho
Yehowa pɛ sɛ yɛn ani gye yɛn adwuma ho, na ɔkyerɛ yɛn nea yɛyɛ a ɛbɛma yɛn ani agye ho. Sɛ obi ani begye adwuma bi ho a, ɛsɛ sɛ onya ho adwempa.
Woyɛ nea edidi so yi a, w’ani betumi agye w’adwuma ho:
Nya w’adwuma ho adwempa
Fa w’adwene si mfaso a afoforo benya wɔ adwuma no so
Sɛ wokɔ adwuma a, yere wo ho yɛ adwuma, nanso wopɔn a, fa w’adwene si w’abusua ne wo som so