BIBLE MU AKORADE | YESAIA 11-16
Yehowa Ho Nimdeɛ Bɛhyɛ Asase So Mã
Sɛnea na nkɔmhyɛ yi fa Israelfo ho
Bere a Israelfo fi Babilon nkoasom mu rekɔ wɔn kurom no, na ɛho nhia sɛ wosuro nkekaboa anaa nnipa a wɔyɛ kekã biara. Woduu wɔn asase so nso, na enhia sɛ wɔbɔ hu.—Esr 8:21, 22
Sɛnea nkɔmhyɛ yi fa yɛn ho nnɛ
Yehowa ho nimdeɛ asesa nkurɔfo suban. Nnipa a kan no na wɔpɛ atuturasɛm ne ntɔkwaw no, seesei wɔpɛ asomdwoe. Onyankopɔn ho nimdeɛ ama yɛanya honhom fam paradise wɔ wiase nyinaa
Sɛnea nkɔmhyɛ yi bɛbam daakye
Asase nyinaa bɛdan paradise; ehu befi hɔ na yɛanya asomdwoe sɛnea Onyankopɔn bɔɔ ne tirim mfiase no. Aboa oo, nnipa oo, wɔn mu biara ho renyɛ hu
Onyankopɔn ho nimdeɛ sesaa Paulo
Ná ɔyɛ Farisini a ɔyɛ kekã paa.—1Ti 1:13
Nokware nimdeɛ sesaa ne suban.—Kol 3:8-10