BIBLE MU AKORADE | YEREMIA 17–21
Ma Yehowa Nkyerɛ Wo Nea Ɛsɛ sɛ Woyɛ
Pene so ma Yehowa nnwene wo
Yehowa tu yɛn fo anaa ɔteɛ yɛn so na ama yɛn abrabɔ ayɛ papa
Ɛsɛ sɛ yɛyɛ sɛ dɔte a ɛsɔ na yɛyɛ osetie
Yehowa nhyɛ yɛn mma yɛnnyɛ biribi
Ɔnwemfo betumi asesa n’adwene wɔ nea ɔpɛ sɛ ɔde anwenne bi yɛ ho
Yehowa de yɛn pɛ ama yɛn, enti yɛpɛ a, yɛbɛma wanwene yɛn anaa yɛremma ɔnnwene yɛn
Sɛ Yehowa ma ne nkurɔfo akwankyerɛ a, nea wɔbɛyɛ wɔ ho no na ɛbɛkyerɛ sɛnea ɔno nso bɛnwene wɔn