Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • mwb17 April kr. 2
  • Fa Anigye Ma Wɔn Akwaaba

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Fa Anigye Ma Wɔn Akwaaba
  • Kristofo Abrabɔ ne Yɛn Asɛnka​—Adesua Nhoma—2017
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ma Wɔn Ani Nnye wɔ Nkaedi no Ase
    Yɛn Ahenni Som—1994
  • Ɛbɛyɛ Adansedi Kɛse
    Yɛn Ahenni Som—2011
  • Wɔn a Wɔda Anigye Adi Nyinaa a Yɛbɛboa Wɔn
    Yɛn Ahenni Som—1993
  • Ma wɔn a yɛato nsa afrɛ wɔn no akwaaba
    Kristofo Abrabɔ ne Yɛn Asɛnka​—Adesua Nhoma (2016)
Hwɛ Pii Ka Ho
Kristofo Abrabɔ ne Yɛn Asɛnka​—Adesua Nhoma—2017
mwb17 April kr. 2

KRISTOFO ABRABƆ

Fa Anigye Ma Wɔn Akwaaba

Henanom na ɛsɛ sɛ yɛde anigye ma wɔn akwaaba no? Obi biara a ɔba yɛn Kristofo nhyiam​—ahɔho ne wɔn a yenim wɔn dedaw nyinaa. (Ro 15:7; Heb 13:2) Ebetumi ayɛ yɛn nua Kristoni bi a ofi ɔman foforo so abɛsra yɛn. Ebetumi nso ayɛ Kristoni bi a wagyae asɛnkakɔ mfe bebree, na afei ara na wafi ase reba Kristofo nhyiam. Sɛ wo na wowɔ tebea a ɛte saa mu na obi de anigye ma wo akwaaba a, anka ɛrenyɛ wo dɛ? (Mt 7:12) Ɛnde, adɛn nti na wummia w’ani nkyiakyia wɔn a ɛwɔ Ahenni Asa no so ansa na yɛafi nhyiam ase, na yɛpɔn nso a woayɛ saa? Yɛyɛ saa a, ɛma Ahenni Asa so yɛ anika na ɛhɔ nso yɛ dɛ. Wei hyɛ Yehowa anuonyam (Mt 5:16) Yenim sɛ, ebetumi ayɛ den sɛ yebenya bere ne obiara a ɔbɛba Ahenni Asa so akasa, nanso sɛ yɛn nyinaa bɔ yɛn ho mmɔden a, ɛbɛma obiara ani akã.a

Ɛnyɛ mmere atitiriw te sɛ Nkaedi nko ara na ɛsɛ sɛ yɛda ahɔhoyɛ adi; ehia sɛ yɛyɛ no bere nyinaa. Sɛ ahɔho hu sɛnea Kristofo da ɔdɔ adi a, ebetumi apusuw wɔn ama wɔahyɛ Onyankopɔn anuonyam na wɔabɛka yɛn ho wɔ nokware som mu.​—Yoh 13:35.

a Bible nnyinasosɛm ma yehu sɛ, sɛ wɔn a wɔatu wɔn anaa wɔatwe wɔn ho no ba Kristofo nhyiam a, ɛnsɛ sɛ yɛne wɔn bɔ.​—1Ko 5:11; 2Yo 10.

Onua bi rekyia ahɔho bi a wɔaba Ahenni Asa so

NEA YEBETUMI AYƐ DE ABOA AHƆHO

  • Bɔ wo din kyerɛ no, na ma ɔno nso mmɔ ne deɛ nkyerɛ wo

  • Ma ɔmmɛtena wo nkyɛn

  • Ma ɔnhwɛ wo Bible ne wo nnwom nhoma no mu bi

  • Sɛ yɛpɔn na ɔwɔ nsɛmmisa bi a, gye bere na wo ne no nsusuw ho

  • Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, ka Bible adesua ho asɛm kyerɛ no

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena