BIBLE MU AKORADE | YEREMIA 35-38
Ebed-Melek—Ɔbarima Kokodurufo a Odwen Nnipa Ho
Ná Ebed-Melek yɛ panyin wɔ Ɔhene Sedekia ahemfie, na na ɔwɔ suban pa
Bere a ɔtee sɛ wɔde Yeremia ato abura mu no, ɔyɛɛ ade akokoduru so. Ɔkɔɔ Ɔhene Sedekia hɔ ntɛm ara kɔsrɛ maa Yeremia. Afei, oyii no fii abura no mu
Bere a ɔreyi Yeremia no, ɔmaa no ntamagow ne ntama dedaw sɛ ɔmfa nhyehyɛ ne mmɔtoam na ahama no ampira no. Wei kyerɛ sɛ na Ebed-Melek dwen nnipa ho paa