Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • mwb17 June kr. 8
  • Fa Anigye Ka Asɛmpa No

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Fa Anigye Ka Asɛmpa No
  • Kristofo Abrabɔ ne Yɛn Asɛnka​—Adesua Nhoma—2017
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sɛn Na Yɛreyɛ Asɛmpaka Adwuma No Nnɛ?
    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
  • ‘Yɛka Papa Ho Asɛmpa’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
  • “Momfa Anigye Nsom Yehowa”
    Yɛn Ahenni Som—2003
  • Anigye—Ɛyɛ Suban a Yenya Fi Onyankopɔn Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2018
Hwɛ Pii Ka Ho
Kristofo Abrabɔ ne Yɛn Asɛnka​—Adesua Nhoma—2017
mwb17 June kr. 8

KRISTOFO ABRABƆ

Fa Anigye Ka Asɛmpa No

Ayɛ den ama wo pɛn sɛ wobɛka asɛmpa no anaa? Yɛn mu pii bebua sɛ aane. Adɛn ntia? Ebia yɛn asasesin mu no, yɛtaa hyia nkurɔfo a wɔmpɛ yɛn asɛm anaa wɔn ani nnye asɛm a yɛka no ho. Ebi nso a, yesuro sɛ yɛne obi a yenhyiaa no da bɛkasa. Akyinnye biara nni ho sɛ wei betumi asɛe yɛn anigye. Nanso yɛn Nyankopɔn a yɛsom no no yɛ anigye Nyankopɔn, na ɔpɛ sɛ yɛde anigye som no. (Dw 100:2; 1Ti 1:11) Nneɛma mmiɛnsa bɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛde anigye ka asɛmpa no?

Nea edi kan, asɛm a yɛka no ma nkurɔfo nya anidaso. Ɛnnɛ wiase yi, nnipa anidaso resa. Nanso yebetumi aka “adepa ho asɛmpa” de ahyɛ nkurɔfo koma mã. (Yes 52:7) Yɛn ankasa nso, Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no betumi ama yɛn ani agye. Enti ansa na yɛbɛkɔ asɛnka no, yennwennwen nhyira a Onyankopɔn Ahenni de bɛba asase so no ho.

Nea ɛto so mmienu, asɛmpa a yɛka no boa nkurɔfo wɔ honam fam, na ɛma wɔne Nyankopɔn ntam nso yɛ papa. Ɛma wohu sɛnea wobegyae nneyɛe a ebetumi apira wɔn, na wɔanya anidaso sɛ wɔbɛtena ase daa. (Yes 48:17, 18; Ro 1:16) Adwuma a yɛreyɛ no te sɛ wɔn a wɔrehwehwɛ nkurɔfo a asiane ato wɔn na wɔagye wɔn nkwa. Ɛwom sɛ ebinom mpɛ sɛ yegye wɔn deɛ, nanso yɛkɔ so hwehwɛ wɔn a wɔpɛ nkwagye.—Mt 10:11-14.

Nea ɛto so mmiɛnsa na ɛho hia paa no, yɛka asɛmpa no a ɛhyɛ Yehowa anuonyam. Adansedi adwuma a yɛyɛ no som bo ma Yehowa paa. (Yes 43:10; Heb 6:10) Afei nso, Yehowa yi ne yam de ne honhom boa yɛn ma yɛyɛ adwuma no. Wei nti, srɛ Yehowa sɛ ɔmma w’ani nnye, efisɛ anigye yɛ honhom aba no fã. (Ga 5:22) Sɛ ehu bi wɔ yɛn mu a, Yehowa bɛboa yɛn ama yɛadi so na yɛde akokoduru aka asɛm no. (Aso 4:31) Ɛba saa a, sɛ nkurɔfo tie oo, wɔantie oo, yɛbɛkɔ so de anigye ayɛ asɛnka adwuma no.—Hes 3:3.

Ɛha n’ani nnyee wɔ asɛnka mu; ɛha n’ani agye

Sɛn na wopɛ sɛ nkurɔfo hu wo wɔ asɛnka mu? Dɛn na wobɛyɛ de akyerɛ sɛ w’ani agye?

MONHWƐ VIDEO A YƐATO DIN FA ADESUA NE NNEƐMA HO A WUBESUSUW SO SAN NYA W’ANIGYE. MUWIE A, MUMMUA NSƐMMISA YI:

  • Sɛ yɛde nnɔnhwerew pii ka asɛm no bosome biara mpo a, adɛn nti na ehia paa sɛ yɛn ankasa gye bere sua ade?

  • Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ de suasua Maria?

  • Bere bɛn na woayi asi hɔ a wode dwennwen Onyankopɔn Asɛm ho?

  • Woreka asɛmpa no a, ɛdɛn na ɛma w’ani gye?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena