KRISTOFO ABRABƆ
Bere Bɛn na Metumi Asan Ayɛ Akwampaefo Boafo?
Asɔrefie ho anisoadehu a Hesekiel nyae no ma yehu sɛ Yehowa asomfo beyi wɔn yam abɔ afɔre. Wobɛyɛ dɛn atumi abɔ ayeyi afɔre?—Heb 13:15, 16.
Ade baako paa a yebetumi ayɛ ne sɛ yɛbɛyɛ akwampaefo boafo. Afe 2018 ɔsom afe no wɔ abosome pii a ekura Memeneda ne Kwasida nnum. Yɛn mu bi wɔ a, yɛyɛ adwuma fi Dwoda kosi Fida enti Memeneda ne Kwasida na yɛtaa kɔ asɛnka. Enti saa nhyehyɛe yi betumi aboa paa. Afei nso, adawurubɔfo betumi de asi w’ani so sɛ wɔde nnɔnhwerew 30 anaa 50 bɛyɛ asɛnka adwuma no wɔ March ne April mu. Bosome a ɔmansin sohwɛfo bɛba abɛsra yɛn nso, yebetumi ayɛ no saa.
Na sɛ yɛn tebea mma yɛn kwan sɛ yɛbɛyɛ akwampaefo boafo nso ɛ? Ɛno koraa no, yebetumi abɔ yɛn ho mmɔden anya nkɔso wɔ asɛnka adwuma no mu, na sɛ ɛbɛyɛ yiye a, yɛayɛ bi aka ho. Tebea biara a yɛwom no, momma ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa no nkanyan yɛn, na yɛnyɛ nea yebetumi biara wɔ 2018 ɔsom afe no mu!—Ho 14:2.
Mɛyɛ dɛn asuasua Sabina Hernández nsi ne n’ahokeka no?
MONHWƐ VIDEO A YƐATO DIN YEHOWA NTI, MITUMI YƐ NNEƐMA PII, NA MUMMUA NSƐMMISA YI:
Dɛn na ɛkanyan Sabina ma ɔyɛ pii wɔ Yehowa som mu?
Sabina nhwɛso no ka wo sɛn?
Bosome anaa abosome bɛn mu na wubetumi ayɛ akwampaefo boafo wɔ 2018 ɔsom afe no mu?