KRISTOFO ABRABƆ
Ɔdɔ Kann—Ɛne Deɛn?
Yehowa ahyehyɛ aware sɛ ɛnka ɔbarima ne ɔbea mmom daa. (Ge 2:22-24) Ade a ebetumi de awaregyae aba ara ne aguamammɔ. (Mal 2:16; Mt 19:9) Yehowa pɛ sɛ aware de anigye ba. Enti wama Kristofo nnyinasosɛm a wobegyina so ahwehwɛ ɔhokafo a ɔfata. Saa nnyinasosɛm no ma anigye kɔ so tena aware no mu.—Ɔsɛ 5:4-6.
MONHWƐ VIDEO A YƐATO DIN ƆDƆ KANN—ƐNE DEƐN? (MUNNI KAN NHWƐ WƆ FIE) AFEI MUMMUA NSƐMMISA YI:
Afotu a Frank ne Bonnie de maa wɔn babea Lizzy no, na nyansa wom na na ɛkyerɛ sɛ wɔdɔ no. Adɛn ntia?
Adɛn nti na sɛ yɛne obi renantew ahwɛ sɛ yɛbɛware no a, nyansa nnim sɛ yebenya adwene sɛ yebetumi asesa no?
Afotu pa bɛn na Paul ne Priscilla de maa Lizzy?
Adɛn nti na nsɛmnsɛm baa Zach ne Megan aware mu?
Onyankopɔn som mu botae ahorow bɛn na John ne Lizzy nyinaa de sii wɔn ani so?
Ansa na wobɛka aware ntam aware obi no, adɛn nti na ɛsɛ sɛ wuhu onipa no “komam nipa a wahintaw” no? (1Pe 3:4)
Dɛn ne ɔdɔ kann? (1Ko 13:4-8)