BIBLE MU AKORADE | LUKA 8-9
Dɛn Na Ɛsɛ Sɛ Yɛyɛ Na Yɛatumi Adi Yesu Akyi?
Sɛ obi refuntum asase, na obetumi atwitwa akã a ɛyɛ tẽẽ a, ɛnsɛ sɛ ɔma biribiara a ɛwɔ n’akyi twetwe n’adwene. Saa ara nso na ɛnsɛ sɛ Kristoni ma biribiara a wagyaw wɔ n’akyi wɔ wiase no mu twetwe n’adwene.—Flp 3:13.
Sɛ yɛkɔ ahokyere mu a, anhwɛ a yɛn kɔn bɛdɔ ‘bere bi a atwam a na nneɛma kɔ yiye’ no. Ebia saa bere no mpo, na yennya mmaa nokware no mu. Ɛba saa a, yɛtaa hããhãã yɛn ani kasa te sɛ nea kan no na anigye nko ara na yɛwom a yenni ɔhaw kɛse biara. Saa pɛpɛɛpɛ na Israelfo no yɛe bere a wofii Egypt no. (Nu 11:5, 6) Sɛ yɛde yɛn adwene si nneɛma a ɛte saa so a, anhwɛ a ebepia yɛn ma yɛasan akɔ abrabɔ a na yɛwom kan no. Sɛ́ anka yɛbɛyɛ saa no, adɛn nti na yensusuw nhyira a seesei yɛwɔ no ho, na yɛmfa yɛn adwene nsi anigye a yebenya daakye wɔ Ahenni no mu no so?—2Ko 4:16-18.