BIBLE MU AKORADE | LUKA 17-18
Kyerɛ Nneɛma Ho Anisɔ
Anisɔ ho asuade bɛn na yenya fi asɛm yi mu?
Anisɔ a yɛwɔ no, ɛnsɛ sɛ ɛyɛ biribi a ɛwɔ yɛn koma mu kɛkɛ, mmom ɛsɛ sɛ yɛma ɛda adi
Sɛ yefi yɛn komam kyerɛ nneɛma ho anisɔ a, ɛkyerɛ sɛ yɛwɔ suban pa na edi adanse sɛ yɛwɔ Kristofo dɔ
Wɔn a wɔpɛ sɛ wɔsɔ Kristo ani no, ɛsɛ sɛ wɔda ɔdɔ ne anisɔ adi kyerɛ obiara, ɛmfa ho ɔsom a onii no wom, anaasɛ ɔman anaa abusua a ofi mu