BIBLE MU AKORADE | YOHANE 20-21
“Wodɔ Me Sen Eyinom Anaa?”
Bible mmere mu no, mpataayifo a na wɔwɔ abotare, wɔyɛ adwumaden, na wɔyere wɔn ho wɔ tebea a emu yɛ den mu mpo no, na nneɛma kɔ yiye ma wɔn ma wonya wɔn adwuma no so mfaso. (w12 8/1 18-20) Saa su ahorow yi na na Petro hia na ama watumi ayɛ nnipa yifo. Nanso, na ɛsɛ sɛ Petro si gyinae sɛ ɔde honam fam adwuma a n’ani gye ho no na ebedi kan wɔ n’asetenam anaasɛ ɔde Yesu akyidifo a ɔbɛma wɔn honhom fam aduan no na ebedi kan.
Nsakrae bɛn na woayɛ na ama woatumi de Ahenni nneɛma adi kan wɔ w’asetenam?