Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • mwb19 February kr. 8
  • Kɔ So Ara Fa Boasetɔ Twɛn Denneennen

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Kɔ So Ara Fa Boasetɔ Twɛn Denneennen
  • Kristofo Abrabɔ ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2019
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Mma Biribiara Mmma Nkonimbo no Mmmɔ Wo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2017
  • Boasetɔ—Ehia Ma Kristofo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Boasetɔ A Yɛde Betu Mmirika No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Bata Yehowa Ahyehyɛde No Ho
    Nhyehyɛe a Wɔayɛ Ma Yɛde Ayɛ Yehowa Apɛde
Hwɛ Pii Ka Ho
Kristofo Abrabɔ ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2019
mwb19 February kr. 8

KRISTOFO ABRABƆ

Kɔ So Ara Fa Boasetɔ Twɛn Denneennen

Mfe dodow sɛn na wode ahwɛ Onyankopɔn Ahenni no kwan? Ɔhaw a worefa mu nyinaa akyi no, wugu so de boasetɔ retwɛn anaa? (Ro 8:25) Kristofo binom hyia ɔhaw ahorow bi te sɛ ɔtan, ayayade, ne afiasenna. Ebinom mpo de, wɔde owu hunahuna wɔn. Wɔn mu pii nso wɔ hɔ a, yare koankorɔ anaa mpanyinyɛ reteetee wɔn.

Sɔhwɛ biara a yebehyia no, dɛn na ɛbɛboa yɛn na yɛatumi de boasetɔ atwɛn denneennen? Ɛsɛ sɛ yɛkenkan Bible daa na yedwinnwen ho sɛnea ɛbɛyɛ a yɛn gyidi bɛyɛ den. Bio nso, ɛsɛ sɛ yɛma yɛn anidaso no tena yɛn adwenem daa. (2Ko 4:16-18; Heb 12:2) Afei ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae denneennen na yɛsrɛ Yehowa sɛ ɔmfa ne honhom kronkron no mmoa yɛn. (Lu 11:10, 13; Heb 5:7) Yɛn soro Agya a ɔwɔ ɔdɔ no betumi aboa yɛn ama ‘yɛanya boasetɔ akosi ase na yɛde anigye anya abodwokyɛre.’—Kol 1:11.

HWƐ VIDEO A YƐATO DIN ƐSƐ SƐ YƐDE ‘BOASETƆ TU MMIRIKA’—NYA AHOTOSO SƐ WO NSA BƐKA AKATUA NO. AFEI BUA NSƐMMISA A EDIDI SO YI:

  • A.B ne ne yere nam asɛnka mu

    ‘Asiane a yɛnhwɛ kwan’ bɛn na ebetumi ato yɛn wɔ asetenam? (Ɔsɛ 9:11)

  • A.B nyaa stroke akyi no, Onua Mensah kenkan kyerɛwsɛm bi kyerɛɛ no

    Sɛ yehyia sɔhwɛ na yɛbɔ mpae a, ɛboa yɛn sɛn?

  • A.B ne Onua Mensah akɔsra abusua bi

    Sɛ yentumi nyɛ pii wɔ Yehowa som mu te sɛ kan no a, adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛde yɛn adwene si nea yetumi yɛ seesei no so?

  • A.B retwa ho mfoni sɛ Paradise ne ho bɛtɔ no

    Fa w’ani si akatua no so

    Dɛn na ɛma wokɔ so nya ahotoso sɛ wubenya akatua no?

Dɛn na wubetumi ayɛ de aboa wɔn a wɔrehyia sɔhwɛ ne wɔn mmusua?

  • Ka nsɛm a ɛyɛ dɛ kyerɛ wɔn, na mfa wɔn ntoto afoforo ho sɛnea ɛnsɛ

  • Yɛ aso tie wɔn bere a wɔrekasa no

  • Bɔ mpae ma wɔn. Afei ɛyɛ a wo ne wɔn mmɔ mpae

  • Yɛ aduan ma wɔn anaa boa wɔn wɔ fie nnwuma bi mu

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena