Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • mwb19 March kr. 7
  • Fa Video Kyerɛkyerɛ Wo Bible Asuafo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Fa Video Kyerɛkyerɛ Wo Bible Asuafo
  • Kristofo Abrabɔ ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2019
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Ɛbɛma Yɛatu Mpɔn wɔ Asɛnka Mu—Fa Video Kyerɛkyerɛ
    Kristofo Abrabɔ ne Yɛn Asɛnka​—Adesua Nhoma (2016)
  • Fa Video Ahorow a Etumi Kyerɛkyerɛ no Di Dwuma
    Yɛn Ahenni Som—2006
  • So Ɛsɛ sɛ Mehwɛ Nnwom Ho Video?
    Nyan!—2003
  • Fa Video Kyerɛkyerɛ
    Yɛn Ahenni Som—2013
Hwɛ Pii Ka Ho
Kristofo Abrabɔ ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2019
mwb19 March kr. 7
Onuawa bi reyi video akyerɛ ne Bible suani

KRISTOFO ABRABƆ

Fa Video Kyerɛkyerɛ Wo Bible Asuafo

Sɛ wode mfoni ahorow kyerɛkyerɛ a, ɛma osuani no tumi de n’adwene si nea ɔresua no so, ɔte ase yiye, na ɛma otumi kae nea wasua no. Yehowa, yɛn Kyerɛkyerɛfo Kunini no de mfoni ahorow kyerɛkyerɛɛ asuade atitiriw bi. (Ge 15:5; Yer 18:1-6) Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse Yesu nso de mfoni ahorow kyerɛkyerɛe. (Mt 18:2-6; 22:19-21) Nnansa yi, ade baako a aboa ama yɛn nkyerɛkyerɛ atu mpɔn pa ara ne video ahorow. Worekyerɛkyerɛ wo Bible asuafo a, ɛyɛ a wode video ahorow di dwuma yiye?

Wɔayɛ video ahorow du a ɛboa ma yetumi kyerɛkyerɛ adesua nsɛm a ɛwɔ Asɛmpa a Efi Onyankopɔn Hɔ! nhomawa no mu. Wohwɛ video no mu dodow no ara asɛmti a, wubehu sɛ ɛne nsɛmmisa a wɔde nkyerɛwde tuntum akyerɛw wɔ Asɛmpa nhomawa no mu baako hyia. Sɛ wode Asɛmpa nhomawa a ɛwɔ ɛlɛtrɔnik afiri so reyɛ adwuma a, baabi a ɛsɛ sɛ wuyi video no, wɔde link ato hɔ sɛnea ɛbɛkae wo. Afei, nhoma ahorow a yɛde yɛ Bible adesua a ɛwɔ Nnwinnade Titiriw a Yɛde Kyerɛkyerɛ no mu no, yɛwɔ video ahorow a ɛkyerɛkyerɛ emu nsɛm no bi mu.

Worekyerɛkyerɛ asɛm bi mu akyerɛ wo Bible suani, nanso ayɛ den sɛ ɔbɛte ase anaa? Anaa wo suani no rehyia sɔhwɛ pɔtee bi? Ɛnde kɔ jw.org® anaa JW Broadcasting® kɔhwehwɛ video bi a ebetumi aboa no. Ebia wo ne osuani no betumi abom ahwɛ video no mu baako na moasusuw ho.

Bosome biara wɔyɛ video ahorow. Emu biara a wobɛhwɛ no, dwinnwen ho hwɛ sɛ wubehu ɔkwan a wubetumi afa so de akyerɛkyerɛ wo Bible asuafo anaa.

VIDEO AHOROW A ƐBOA MA YƐKYERƐKYERƐ ADESUA NSƐM A ƐWƆ ASƐMPA NHOMAWA NO MU

  • Enti Onyankopɔn wɔ Din? video no

    Adesua 2

    Enti Onyankopɔn wɔ Din?

  • Hena Ne Bible no Kyerɛwfo? video no

    Adesua 3

    Hena Ne Bible no Kyerɛwfo?

  • Yɛbɛyɛ Dɛn Ahu Sɛ Bible no Yɛ Nokware? video no

    Yɛbɛyɛ Dɛn Ahu Sɛ Bible no Yɛ Nokware?

  • Adɛn Nti na Yesu Wui? video no

    Adesua 4

    Adɛn Nti na Yesu Wui?

  • Dɛn Nti Na Onyankopɔn Bɔɔ Asase? video no

    Adesua 5

    Dɛn Nti Na Onyankopɔn Bɔɔ Asase?

  • Tebea Bɛn Na Awufo Wom? video no

    Adesua 6

    Tebea Bɛn Na Awufo Wom?

  • Dɛn Ne Onyankopɔn Ahenni? video no

    Adesua 7

    Dɛn Ne Onyankopɔn Ahenni?

  • Dɛn Nti Na Onyankopɔn Ma Amanehunu Ho Kwan? video no

    Adesua 8

    Dɛn Nti Na Onyankopɔn Ma Amanehunu Ho Kwan?

  • Onyankopɔn Pene Ɔsom Ahorow Nyinaa So Anaa? video no

    Adesua 10

    Onyankopɔn Pene Ɔsom Ahorow Nyinaa So Anaa?

  • So Onyankopɔn Tie Mpaebɔ Nyinaa? video no

    Adesua 12

    So Onyankopɔn Tie Mpaebɔ Nyinaa?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena