KRISTOFO ABRABƆ
Sɛnea Yɛn Nyinaa Bɛboa Ma Yɛahwɛ Mmeae a Yehyiam Som No So Yiye
Yɛn Ahenni Asa ahorow no nyɛ adan biara kɛkɛ. Mmom ɛyɛ mmeae a yehyiam som a yɛahyira so ama Yehowa. Dɛn na yɛn mu biara betumi ayɛ de ahwɛ Ahenni Asa no so yiye?
HWƐ VIDEO A YƐATO DIN MMEAE A YEHYIAM SOM NO, YƐNHWƐ SO YIYE NO. WUWIE A, BUA NSƐMMISA A EDIDI SO YI:
Dɛn na yɛde yɛn Ahenni Asa ahorow no yɛ?
Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛma yɛn Ahenni Asa so tew nwann, na yɛhwɛ sɛ yɛremma nneɛma nsɛe wɔ hɔ?
Yɛhwɛ siesie Ahenni Asa ahorow na ansɛe. Ɔkwan bɛn so na adwuma a ɛte saa a wode wo ho hyem no aboa wo?
Adɛn nti na ɛho hia sɛ yɛhwɛ na obi ampira? Nneɛma bɛn na wuhui wɔ video no mu a ɛsɛ sɛ yɛyɛ na obi ampira?
Yɛbɛyɛ dɛn de yɛn ntoboa ahyɛ Yehowa anuonyam?
WEI NA MABƆ ME TIRIM SƐ MƐYƐ DE ABOA.