Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • mwb19 August kr. 8
  • Nnwuma Pa a Yehowa Werɛ Remfi Da

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nnwuma Pa a Yehowa Werɛ Remfi Da
  • Kristofo Abrabɔ ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2019
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • So Eyi Betumi Ayɛ Adwuma a Eye Ma Wo Sen Biara?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
  • Anisɔ a Yɛde Bɛhwɛ “Onyankopɔn Fie”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Yɛto Nsa Frɛ Obiara!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2010
  • Dɛn Ne Betel?
    Henanom Na Wɔreyɛ Yehowa Apɛde Nnɛ?
Hwɛ Pii Ka Ho
Kristofo Abrabɔ ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2019
mwb19 August kr. 8
Onuawa bi reyɛ adwuma wɔ baabi a wɔnoa nnuan wɔ Betel

KRISTOFO ABRABƆ

Nnwuma Pa a Yehowa Werɛ Remfi Da

Yɛn nyinaa betumi ayɛ nneɛma bi wɔ Yehowa som mu a ne werɛ remfi da. Sɛnea awofo a wɔdɔ wɔn mma werɛ mfi nnwuma pa a wɔn mma yɛ no, saa ara na Yehowa nso werɛ remfi adwuma a yɛyɛ ne ɔdɔ a yɛda no adi wɔ ne din ho no. (Mt 6:20; Heb 6:10) Ɛwom, ɛsono obiara tebea ne nea obetumi ayɛ, nanso sɛ yɛyɛ nea yebetumi biara wɔ Yehowa som mu a, yɛn ani betumi agye. (Ga 6:4; Kol 3:23) Mfe pii a abɛsen kɔ no, anuanom bebree anya hokwan akɔsom wɔ Betel. Wo nso, wubetumi atu wo ho ama akɔboa wɔ Betel anaa? Sɛ worentumi a, wubetumi ahyɛ obi nkuran ama wayɛ saa? Anaa wubetumi aboa obi a ɔyɛ adwuma wɔ Betel ama wakɔ so asom anaa?

HWƐ VIDEO A YƐATO DIN TU WO HO MA KƆYƐ ADWUMA WƆ BETEL NO. WUWIE A, BUA NSƐMMISA A EDIDI SO YI:

  • Dɛn na ɛsɛ sɛ ɛkã obi ma onya ɔpɛ sɛ ɔbɛsom wɔ Betel?

  • Anuanom a wɔresom wɔ Betel no, nsɛm bɛn na wɔn mu bi aka a ɛkyerɛ sɛ wɔanya nhyira?

  • Sɛ obi pɛ sɛ ɔkɔsom wɔ Betel a, ahwehwɛde ahorow bɛn na ɛsɛ sɛ odu ho?

  • Sɛ obi pɛ sɛ ɔkɔyɛ adwuma wɔ Betel a, akwammisa krataa bɛn na ɛsɛ sɛ ɔhyehyɛ?

Anuanom mmiɛnsa bi a wɔyɛ adwuma wɔ Betel rehwɛ biribi wɔ kɔmputa so; onua bi rehyehyɛ nhoma agu nnaka mu; onua bi resen nnua wɔ Betel

Ahwehwɛde Ahorow a Ɛsɛ Sɛ Wudu Ho

  • Ɛsɛ sɛ wufi wo koma nyinaa mu dɔ Yehowa ne n’ahyehyɛde no

  • Ɛsɛ sɛ w’abrabɔ ho tew na wunya ahonim pa wɔ Yehowa anim

  • Ɛsɛ sɛ wo ntadehyɛ ne w’ahosiesie kyerɛ sɛ woyɛ Kristoni

  • Ɛsɛ sɛ nneɛma a wode gyigye w’ani da no adi sɛ woyɛ Kristoni

  • Ɛsɛ sɛ woyɛ obi a woadi mfe 19 kosi 35

  • Ɛsɛ sɛ woyɛ obi a wowɔ apɔwmuden, w’adwenem da hɔ, na womma nneɛma nhaw wo dodo

  • Kasa a wɔka wɔ Betel a ɛwɔ wo man mu no, ɛsɛ sɛ wutumi kenkan na wokyerɛw no yiye

  • Anyɛ yiye koraa no, ɛsɛ sɛ wunya ɔpɛ sɛ wobɛtena Betel afe baako

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena