BIBLE MU AKORADE | ADIYISƐM 7-9
Yehowa Behyira Nnipakuw Kɛse Bi a Obiara Ntumi Nkan Wɔn
Adɛn nti na Yehowa behyira nnipakuw kɛse no?
Efisɛ ‘wogyinagyina [Yehowa] ahengua no anim,’ na wɔtaa Yehowa tumidi akyi a biribiara ntwetwe wɔn adwene
Efisɛ wɔhyehyɛ “ntade tenten fitafitaa,” kyerɛ sɛ, gyidi a wɔwɔ wɔ Kristo afɔre no mu no ama wɔn ho atew na ama wɔanya gyinabea pa wɔ Yehowa anim
Efisɛ wɔsom Yehowa “awia ne anadwo,” kyerɛ sɛ, da biara wɔyere wɔn ho sɛ wɔbɛsom Yehowa
Dɛn na ɛsɛ sɛ meyɛ na matumi aka nnipakuw kɛse no ho?