BIBLE MU AKORADE | GENESIS 12-14
Apam Bi a Ɛfa Wo Ho
Yehowa ne Abraham yɛɛ apam bi. Saa apam no na ɛtoo fapem maa ɔsoro Ahenni no
Ɛbɛyɛ sɛ apam no fii ase yɛɛ adwuma wɔ afe 1943 A.Y.B. Saa bere no na Abraham twaa Eufrate Asubɔnten no de n’ani kyerɛɛ Kanaan
Apam no bɛkɔ so ara ayɛ adwuma kosi sɛ Mesia Ahenni no bɛba abɛsɛe Onyankopɔn atamfo, na ɔde nhyira abrɛ adesamma a wɔwɔ asaase so
Gyidi kɛse a Abraham daa no adi nti, Yehowa hyiraa no. Sɛ yenya Yehowa bɔhyɛ ahorow mu gyidi a, nhyira ahorow bɛn na Abraham apam no bɛma yɛanya?