BIBLE MU AKORADE | EXODUS 8-9
Ná Farao Ɔhantanfo No Nnim Sɛ Ɔreboa Ama Onyankopɔn Atirimpɔw Abam
Ná Egypt ahemfo bu wɔn ho sɛ wɔyɛ anyame. Wei ma yehu nea enti a Farao pirim ne koma, na wampɛ sɛ otie Mose ne Aaron no. Ɔno ara n’akɔmfo mpo, na ɔmpɛ sɛ otie wɔn.
Sɛ afoforo kyerɛ wɔn adwene a, ɛyɛ a yetie? Sɛ obi tu yɛn fo nso a, ɛyɛ a yɛyɛ yɛn ade sɛn? Yetie gu asopa mu, anaa ɛyɛ a yɛte nka sɛ yɛn asɛm yɛ dɛ? Bible ka sɛ, “Ahantan di ɔsɛe anim.” (Mme 16:18) Ɛho hia sɛ yɛhwɛ yiye na yɛanyɛ ahantan!