BIBLE MU AKORADE | EXODUS 10-11
Mose Ne Aaron Nyaa Akokoduru
Mose ne Aaron bere so no, na Farao ne obi a ɔwɔ tumi paa wɔ asase so. Nanso Mose ne Aaron nyaa akokoduru kɔɔ n’anim. Dɛn na ɛboaa wɔn? Bible ka Mose ho asɛm sɛ: “Gyidi nti na ofii Egypt a wansuro ɔhene no abufuw, na ɔkɔɔ so tintimii te sɛ nea ohu Onii a wonhu no no.” (Heb 11:27) Ná Mose ne Aaron gye Yehowa di paa, na wɔde wɔn ho too ne so.
Tebea ahorow bi wɔ hɔ a, ebehia sɛ wunya akokoduru de ka wo gyidi ho asɛm kyerɛ obi a ɔwɔ tumi. Ebi ne sɛn?