KRISTOFO ABRABƆ
Awiei No Rebobɔ Ba, Enti Si Wo Bo Sɛ Wubedi Yehowa Nokware
NEA ENTI A ƐHO HIA: Ɛrenkyɛ, nneɛma a ɛyɛ hu besisi. Saa nneɛma no resisi a, yebehia akokoduru ne Yehowa mu ahotoso paa. Dɛn na esi a ɛbɛma yɛahu sɛ ahohiahia kɛse no afi ase? Wɔbɛsɛe atoro som. (Mt 24:21; Adi 17:16, 17) Edu saa bere no a, yɛbɛka atemmusɛm a ano yɛ den. Enti ebehia sɛ yenya akokoduru. (Adi 16:21) Gog a ofi Magog no bɛtow ahyɛ yɛn so. (Hes 38:10-12, 14-16) Yehowa renyɛ nhwɛhaa. Saa bere no na “ade nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn da kɛse no mu ko no” befi ase. (Adi 16:14, 16) Sɛ yebetumi anya akokoduru de agyina nneɛma a ɛyɛ hu a ebesisi daakye no ano a, ɛsɛ sɛ yenya akokoduru de gyina ɔhaw a yɛrehyia nnɛ no ano.
SƐNEA WOBƐYƐ NO:
Yehowa mmara a ɛfa abrabɔ ho no, ɛsɛ sɛ yenya akokoduru de yɛ adwuma.—Yes 5:20
Ɛsɛ sɛ yɛkɔ so ne yɛn nuanom Kristofo hyiam.—Heb 10:24, 25
Akwankyerɛ biara a Yehowa ahyehyɛde no de bɛma yɛn no, ɛsɛ sɛ yetie na yɛde yɛ adwuma.—Heb 13:17
Sɛnea Yehowa gyee ne nkurɔfo tete no, ɛsɛ sɛ yedwinnwen ho.—2Pe 2:9
Bɔ Yehowa mpae, na fa wo ho to no so.—Dw 112:7, 8
HWƐ VIDEO A YƐATO DIN NSƐM A EBESISI DAAKYE A EBEHIA SƐ YENYA AKOKODURU—NE FA BI NO. AFEI BUA NSƐMMISA A EDIDI SO YI:
Bere a wɔkyɛɛ asafo bi mu guu asafo ahorow bi so no, dɛn na ɛyɛɛ den maa adawurubɔfo no bi sɛ wɔbɛyɛ?
Sɛ obi yɛ osetie a, ɛma onya akokoduru. Ɔkwan bɛn so?
Sɛ Harmagedon ba a, ebehia sɛ yenya akokoduru. Adɛn ntia?
Nneɛma a ebesisi daakye no nti, ehia sɛ yenya akokoduru nnɛ
Bible mu asɛm bɛn na ebetumi ama yɛagye adi sɛ, Yehowa wɔ tumi a ɔde begye yɛn?—2Be 20:1-24