Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • mwb20 September kr. 3
  • Hwɛ Yiye Na Woantrɛw Atosɛm Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Hwɛ Yiye Na Woantrɛw Atosɛm Mu
  • Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2020
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Ogyimfoɔ Gye Nsɛm Nyinaa Di”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
  • Monkɔ So Mfa Nea Moasua No Nyɛ Adwuma
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2002
  • Wunim Nokware a Ɛwɔ Asɛm No Mu?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2018
  • Intanɛt—Hwɛ Yiye Wɔ Asiane a Ɛwɔ Dwuma a Wɔde Di mu no Ho!
    Yɛn Ahenni Som—2000
Hwɛ Pii Ka Ho
Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2020
mwb20 September kr. 3

KRISTOFO ABRABƆ

Hwɛ Yiye Na Woantrɛw Atosɛm Mu

Maame bi a ɔredi gua ahu biribi wɔ ne fon so ama ne ho adwiriw no.

Ɛnnɛ nnipa pii nam radio, television, intanɛt anaa nneɛma a wɔatintim so de nsɛm mena ntɛmntɛm. Yɛn a yɛsom “nokware Nyankopɔn” no de, sɛ́ yenim anaa yennim no, yɛmpɛ sɛ yɛbɛyɛ biribiara a ɛbɛkyerɛ sɛ yɛretrɛw atosɛm mu. (Dw 31:5; Ex 23:1) Sɛ obi trɛw atosɛm mu a, ebetumi apira afoforo paa. Sɛ wopɛ sɛ wuhu sɛ asɛm bi yɛ nokware a, bisa wo ho sɛ:

  • ‘Ɛhe na metee asɛm no fii?’ Nea ɔreka asɛm no akyerɛ wo no, ebia onnim nokware a ɛwɔ mu nyinaa. Sɛ obi te asɛm, na ɔno nso ka kyerɛ obi a, mpɛn pii no, nsɛm no bi sesa. Enti, sɛ wunnim nokware a ɛwɔ asɛm bi mu a, hwɛ yiye na woantrɛw mu. Wɔn a wɔwɔ hokwan wɔ asafo no mu paa na ɛsɛ sɛ wɔhwɛ yiye wɔ nsɛm bi a wonnim emu nokware nyinaa no ho. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, anuanom bu nsɛm a wɔka no sɛ ɛyɛ nokware

  • ‘Asɛm a woate no betumi asɛe obi din?’ Sɛ asɛm a yɛate no betumi asɛe obi din a, ɛnsɛ sɛ yɛtrɛw mu.—Mme 18:8; Flp 4:8

  • ‘Asɛm no yɛ nokware?’ Sɛ yɛte nsɛm anaa osuahu ahorow bi a wɔagugu mu sɛnea ɛbɛyɛ a yɛn ho bedwiriw yɛn a, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na yɛantrɛw mu

HWƐ VIDEO A YƐATO DIN MƐYƐ DƐN AGYAE NSEKURO NO? WUWIE A, BUA NSƐMMISA A EDIDI SO YI:

  • Wɔakyekyere aberante bi abɔ pon kurukuruwa bi mu. Wɔatoto sekan pii awowɔ pon no mu ma atwa ne ho ahyia.

    Sɛnea Mmebusɛm 12:18 kyerɛ no, dɛn na nsɛm a yɛka betumi ayɛ?

  • Nnipadɔm bi ahyiam redi nseku.

    Sɛn na Filipifo 2:4 bɛboa yɛn ama yɛahu nsɛm a yebetumi aka afa afoforo ho?

  • Papa bi adan n’akyi akyerɛ papa foforo bi a ɔredi nseku.

    Sɛ yehu sɛ nkɔmmɔ a yɛrebɔ reyɛ adan nsekuro anaa ɛreyɛ asɛe obi din a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

  • Papa bi redi nseku, na papa foforo bi a wasiesie ne ho sɛ ɔsɛnkyerɛwfo rekyerɛw biribi.

    Ansa na yɛbɛka afoforo ho nsɛm no, nsɛm bɛn na ɛsɛ sɛ yebisa yɛn ho?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena