BIBLE MU AKORADE | EXODUS 25-26
Ade a Na Ɛho Hia Paa Wɔ Ntamadan No Mu
Nneɛma a na ɛwɔ ntamadan no mu no, Apam Adaka no paa na na ɛho hia. Afei nso, Israel nsraban no mu nyinaa, ɛno ne biribi a na ɛho hia paa. Wohwɛ Apam Adaka no mmuaso so a, na kerubim mmienu bi a wɔatrɛw wɔn ntaban mu si so. Sɛ wohwɛ kerubim mmienu no mfinimfini a, na omununkum bi wɔ hɔ. Ná saa mununkum no kyerɛ sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ. Afe biara, sɛ edu Mpata Da no a, na ɔsɔfo panyin no wura Kronkron Mu Kronkronbea hɔ de nantwi ne apɔnkye mogya sosɔ Apam Adaka no anim de pata ma Israelfo no bɔne. (Le 16:14, 15) Ná wei gyina hɔ ma sɛnea Ɔsɔfo Panyin Yesu nso bɛkɔ Yehowa anim wɔ ɔsoro de n’afɔrebɔ a ɛsom bo no akɔma no.—Heb. 9:24-26.
Mfaso a agyede no ma yenya ne ɛho kyerɛwnsɛm na edidi so yi. Hwɛ kyerɛwnsɛm no mu biara na kyerɛ mfaso a ɛma yenya fi agyede no so:
KYERƐWNSƐM
MFASO AHOROW
yɛwɔ anidaso sɛ yɛbɛtena ase daa
yebenya bɔne fakyɛ
yebenya ahonim pa
Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na yɛanya mfaso ahorow yi bi?