BIBLE MU AKORADE | EXODUS 29-30
Munyi Ntoboa Mma Yehowa
Bere a wɔreyɛ ntamadan no, Israelfo asikafo ne ahiafo nyinaa yii ntoboa de boae. Ɛnnɛ nso, yɛbɛyɛ dɛn ayi ntoboa de aboa Yehowa som? Ɔkwan baako ne sɛ, yebetumi de yɛn sika aboa ma wɔasisi Ahenni Asa, Nhyiam Asa, ɔfese ahorow a wɔkyerɛ yɛn nhoma ase ne Betel afie. Ɛnyɛ ɛno nko ara, ɔdan biara a wɔresi de aboa Yehowa som nso, yebetumi ayi ntoboa de aboa.
Kyerɛwnsɛm ahorow a edidi so yi ma yehu sɛ yebetumi ayi ntoboa de apia Yehowa som. Dɛn na yebetumi asua afi mu?