BIBLE MU AKORADE | LEVITICUS 14-15
Sɛ Yɛn Som Bɛsɔ Yehowa Ani a, Ɛsɛ Sɛ Yɛma Yɛn Ho Tew
Sɛ yebetumi akɔ so atena Onyankopɔn dɔ mu a, ɛsɛ sɛ yɛma yɛn koma ne yɛn abrabɔ ho tew na yedi yɛn ho ni. Wei kyerɛ sɛ, ɛnsɛ sɛ yesuasua sɛnea wiase no yɛ wɔn ade no, mmom Yehowa mmara a ɛfa sɛnea ɛsɛ sɛ yɛbɔ yɛn bra, sɛnea ɛsɛ sɛ yɛsom no ne sɛnea ɛsɛ sɛ yedi yɛn ho ni no, ɛsɛ sɛ yetie. Wei nti, biribiara a yɛn soro Agya no bu no sɛ ɛho ntew no, yɛtwe yɛn ho fi ho.
Sɛ metwe me ho fi sɛnea wiase no yɛ wɔn ade ne sɛnea wɔbɔ wɔn bra no ho a, mfaso bɛn na menya?