BIBLE MU AKORADE
Adɛn Nti Na Ɛnsɛ Sɛ Yenwiinwii?
Yehowa kyi obi a ɔpɛ anwiinwii (Nu 11:1; w01 6/15 17 ¶20)
Sɛ obi pɛ anwiinwii a, ɛkyerɛ sɛ ɔyɛ pɛsɛmenkominya na ɔnkyerɛ nneɛma ho anisɔ (Nu 11:4-6; w06 7/15 15 ¶7)
Sɛ obi pɛ anwiinwii a, etumi bu afoforo abam (Nu 11:10-15; it-2 719 ¶4)
Ɛwom Israelfo no hyiaa ɔhaw pii wɔ sare no so, nanso na Yehowa ayɛ nneɛma pii ama wɔn a na wobetumi adwinnwen ho na wɔakyerɛ ho anisɔ. Yɛn nso, sɛ yedwinnwen nneɛma a Yehowa ayɛ ama yɛn no ho a, ɛremma yennwiinwii.