MA W’ANI NKU ASƐNKA HO
Nea Yebetumi Aka Wɔ Asɛnka Mu
Nkaedi Ho Ɔsatu (February 27–March 27)
“Yɛrebɛyɛ dwumadi titiriw bi a yɛde bɛkae Yesu wu no. Nnipa ɔpepem pii bɛba bi. Yɛpɛ sɛ yɛto nsa frɛ wo.” Fa nsato krataa no ma no anaa fa fa text message anaa e-mail so mena no. “Baabi a yɛbɛyɛ no wɔ yɛn mpɔtam ha, ne bere a yɛde bɛyɛ no, sɛ wohwɛ krataa yi so a, wubehu [anaa wubehu sɛnea wubetumi ahwɛ wɔ intanɛt so]. Aka nnawɔtwe ama saa dwumadi yi adu so no, yɛbɛma ɔkasa titiriw bi. Ɛno nso, yɛto nsa frɛ wo.”
Onipa No Kyerɛ Ho Anigye a Nea Wobɛka: Yi video a yɛato din Kae Yesu Wu No [anaa fa mena no].
Nsrahwɛ a Edi Hɔ: Dɛn nti na Yesu wui?
Nsrahwɛ a Edi Kan
Asɛmmisa: Ná Yesu yɛ onipa bɛn?
Kyerɛwsɛm: Mt 16:16
Nsrahwɛ a Edi Hɔ: Dɛn nti na Yesu wui?
WUBEHU KYERƐWSƐM YI WƆ NNWINNADE TITIRIW A YƐDE KYERƐKYERƐ NO MU:
Sankɔhwɛ
Asɛmmisa: Dɛn nti na Yesu wui?
Kyerɛwsɛm: Mt 20:28
Nsrahwɛ a Edi Hɔ: Dɛn na yɛbɛyɛ de akyerɛ sɛ yɛn ani sɔ Yesu afɔre no?
WUBEHU KYERƐWSƐM YI WƆ NNWINNADE TITIRIW A YƐDE KYERƐKYERƐ NO MU: