Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • mwb21 September kr. 3-16
  • Fa Wubetumi Anya Anigye Daa! Nhoma No Yɛ Adwuma Wɔ Asɛnka Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Fa Wubetumi Anya Anigye Daa! Nhoma No Yɛ Adwuma Wɔ Asɛnka Mu
  • Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2021
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sɛnea Yɛde “Wubetumi Anya Anigye Daa!” Nhoma No Bɛyɛ Bible Adesua
    Dɔ Nnipa—Boa Wɔn Ma Wɔmmɛyɛ Asuafo
  • Boa Wo Bible Asuafo Ma Wɔmmɔ Asu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2021
  • Sɛnea Yɛbɛboa Yɛn Bible Asuafo Ama Wɔanya Nkɔso Abɔ Asu—Ɔfã a Edi Kan
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2020
  • Sɛnea Yɛde Asɛmpa a Efi Onyankopɔn Hɔ! no
    Yɛn Ahenni Som—2013
Hwɛ Pii Ka Ho
Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2021
mwb21 September kr. 3-16
Awarefo bi de “Wubetumi Anya Anigye Daa!” nhomawa no rema ɔbarima bi wɔ hyɛn gyinabea.

KRISTOFO ABRABƆ

Fa Wubetumi Anya Anigye Daa! Nhoma No Yɛ Adwuma Wɔ Asɛnka Mu

Yɛn ani agye paa sɛ yɛanya nhoma ne nhomawa foforo a yɛde rebɛyɛ Bible adesua! Yɛsrɛ Yehowa sɛ, mmɔden a yɛrebɔ sɛ yɛbɛyɛ nnipa pii asuafo no, onhyira so. (Mt 28:18-20; 1Ko 3:6-9) Nanso sɛn na yɛde nhoma ne nhomawa foforo yi bɛyɛ adwuma?

Ɔkwan a yɛbɛfa so ne nkurɔfo asua Wubetumi Anya Anigye Daa! nhoma no yɛ soronko koraa. Ɛbɛma yɛatumi ne nkurɔfo abɔ Bible mu nkɔmmɔ yiye. Enti sɛ woresiesie wo ho akɔyɛ Bible adesua, anaa wo ne obi resua nhoma no a, di akwankyerɛ a edidi so yi akyi.a

  • Monkenkan nkyekyɛm ahorow no, na munsusuw nsɛmmisa no ho

  • Kyerɛwnsɛm a wɔakyerɛ sɛ “monkenkan” no, monkenkan, na boa osuani no ma onhu sɛnea ɔde bɛyɛ adwuma

  • Monhwɛ video ahorow no, na momfa ɛho nsɛmmisa a ɛwɔ nhoma no mu nsusuw ho

  • Da biara a mubesua ade no, bɔ mmɔden sɛ mubewie adesua baako

Sɛ wopɛ sɛ wo ne obi fi Bible adesua ase a, di kan fa nhomawa no ma no, na hwɛ sɛ n’ani begye adesua no ho anaa. (Hwɛ adaka a yɛato din “Wokɔ Obi Nkyɛn Bere a Edi Kan a, Wobɛyɛ Dɛn De Wubetumi Anya Anigye Daa! Nhomawa No Ama No?”) Musua nhomawa no wie na osuani no pɛ sɛ ɔtoa adesua no so a, fa nhoma no ma no, na mumfi ase wɔ adesua nnan no mu. Wo ne obi resua Dɛn na Yebetumi Asua nhoma no anaa Onyankopɔn Dɔ nhoma no a, munnyae na monkɔtoa so wɔ Wubetumi Anya Anigye Daa! nhoma no mu. Ɛyɛ a hwɛ baabi a mudui wɔ nhoma dedaw no mu, na woahu baabi a mobɛtoa so.

Saa awarefo no ara akɔ ɔbarima no fie, na wɔne no resua “Wubetumi Anya Anigye Daa!” nhoma no.

HWƐ VIDEO A YƐATO DIN YƐN ANI AGYE SƐ WOPƐ SƐ WUSUA BIBLE NO. WUWIE A, BUA NSƐMMISA A EDIDI SO YI:

  • Sɛ wo ne obi sua nhoma foforo yi a, nneɛma bɛn na obehu?

  • Wufi ase ne obi sua ade a, adɛn nti na ɛsɛ sɛ wuyi video yi kyerɛ no?

  • Botae ahorow bɛn na wubetumi aboa wo Bible suani no ma ɔde asisi n’ani so nkakrankakra na wadu ho?—Hwɛ adaka a yɛato din “Nea Ɔfã Biara Bɛka Ho Asɛm Ne Botae a Ɛsɛ Sɛ Osuani No De Si N’ani So”

a HYƐ WEI NSOW: Nhoma no fã a wɔato din “Yɛ Nhwehwɛmu” no, wopɛ a wubetumi ne osuani no asusuw ho. Nanso sɛ woresiesie wo ho ama adesua no de a, ɛsɛ sɛ wugye bere kenkan nsɛm a ɛwɔ hɔ no, na wohwɛ video ahorow no nso. Ɛno bɛma woahu nea wo suani no ani begye ho paa ne nea ɛbɛboa no. Sɛ wubue nhoma no wɔ ɛlɛtrɔnik afiri so a, video ne link ahorow a ɛwom no, woklik so a, ebebue.

NEA ƆFÃ BIARA BƐKA HO ASƐM NE BOTAE A ƐSƐ SƐ OSUANI NO DE SI N’ANI SO

 

ADESUA

EMU NSƐM

BOTAE A OSUANI NO DE BESI N’ANI SO

1

01-12

Ɛbɛma woahu sɛnea Bible betumi aboa wo, ne sɛnea wubetumi ahu ne Kyerɛwfo no yiye

Hyɛ osuani no nkuran ma ɔnkenkan Bible no, onsiesie ne ho mma adesua no, na omfi ase mmra asafo nhyiam

2

13-33

Ɛbɛma woahu nea Onyankopɔn ayɛ ama yɛn ne ɔkwan a ɔpɛ sɛ yɛfa so som no

Hyɛ osuani no nkuran ma ɔnka nea ɔresua no ho asɛm nkyerɛ afoforo, na ɔmmɛyɛ ɔdawurubɔfo

3

34-47

Ɛbɛma woahu sɛnea Onyankopɔn pɛ sɛ n’asomfo bɔ wɔn bra

Hyɛ osuani no nkuran ma onhyira ne nkwa so mma Yehowa na ɔmmɔ asu

4

48-60

Wubehu nea woyɛ a ɛbɛma woakɔ so atena Onyankopɔn dɔ mu

Boa osuani no ma onhu sɛnea obehu papa ne bɔne mu nsonsonoe, na wabɛn Onyankopɔn

WOKƆ OBI NKYƐN BERE A EDI KAN A, WOBƐYƐ DƐN DE WUBETUMI ANYA ANIGYE DAA! NHOMAWA NO AMA NO?

Asɛmmisa bi wɔ nhomawa no akyi a nnipa pii ani begye ho. Wɔahyehyɛ nsɛm a ɛwɔ hɔ no te sɛ nea ɛwɔ yɛn nkratawa ahorow no akyi no. Sɛ wopɛ sɛ wode nhomawa no ma obi a:

  • Bisa asɛm no

  • Kenkan mmuae no wɔ Dwom 37:29

  • Baabi a wɔakyerɛw “Saa Asɛm Yi Kyerɛ Sɛn?” no, munsusuw nsɛm a ɛwɔ hɔ no ho. Sɛ bere wɔ hɔ a, monkenkan kyerɛwnsɛm no na munsusuw mfoni no ho

  • Ɛrekɔ ase hɔ no, asɛmmisa bi wɔ hɔ. Ka kyerɛ no sɛ, w’ani begye ho sɛ wo ne no besusuw ho. Ɔpene so a, munsusuw adesua a edi kan no ho

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena