Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • mwb22 January kr. 9
  • Boa Wo Bible Asuafo Ma Wɔnkɔ Asafo Nhyiam

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Boa Wo Bible Asuafo Ma Wɔnkɔ Asafo Nhyiam
  • Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2022
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wokɔ Yehowa Adansefo Nhyiam a Ɛbɛboa Wo Sɛn?
    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
  • Boa Wo Bible Asuafo Ma Wɔne Yehowa Mfa Adamfo
    Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2022
  • Boa Wo Bible Asuafo Ma Wɔntwe Wɔn Ho Mfi Fekubɔne Ho
    Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2022
  • Boa Wo Bible Asuafo Ma Wonnyae Nneyɛe Biara a Yehowa Kyi
    Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2022
Hwɛ Pii Ka Ho
Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2022
mwb22 January kr. 9

MA W’ANI NKU ASƐNKA HO | DƐN NA WOBƐYƐ NA AMA ANIGYE A WODE YƐ ASƐNKA ADWUMA NO AYƐ KƐSE?

Boa Wo Bible Asuafo Ma Wɔnkɔ Asafo Nhyiam

Nneɛma a ehia paa a yɛyɛ wɔ nokware som mu no, asafo nhyiam ka ho. (Dw 22:22) Sɛ yehyiam na yebom som Yehowa a, yɛn ani gye, na ohyira yɛn. (Dw 65:4) Sɛ yɛn Bible asuafo taa kɔ asafo nhyiam a, ɛma wonya nkɔso ntɛmntɛm.

Ɛnde, wobɛyɛ dɛn aboa w’asuafo ma wɔakɔ asafo nhyiam? Ɛne sɛ, kɔ so ara to nsa frɛ wɔn. Video a yɛato din Ɛdeɛn na Yɛyɛ wɔ Ahennie Asa So? no, yi kyerɛ wɔn. Ma wonhu mfaso a sɛ wɔba asafo nhyiam a wobenya. (lff adesua 10) Wopɛ a, biribi pɔtee a woasua wɔ adesua ase anaa nneɛma a yebesua no nnawɔtwe a edi hɔ no, wo ne no mmɔ ho nkɔmmɔ. Nhoma a yesua wɔ adesua ase no, ɛyɛ a ma no bi. Afei nso, yɛ biribi fa boa no. Ebi ne sɛ, wubetumi de kar akɔfa no. Kae sɛ, mmɔden biara a wobɛbɔ de aboa wo Bible suani ma waba asafo nhyiam bere a edi kan no, mfaso wɔ so paa.—1Ko 14:24, 25.

HWƐ VIDEO A YƐATO DIN BOA WO BIBLE ASUAFO MA WƆNKƆ ASAFO NHYIAM NO. WUWIE A, BUA NSƐMMISA A EDIDI SO YI:

  • Mfoni yi wɔ video a wɔato din “Boa Wo Bible Asuafo Ma Wɔnkɔ Asafo Nhyiam” no mu. Neeta reto nsa afrɛ Jade sɛ ɔmmra asafo nhyiam.

    Hokwan bɛn na Neeta nyae a ɔde too nsa frɛɛ Jade sɛ ɔmmra asafo nhyiam?

  • Mfoni yi wɔ video a wɔato din “Boa Wo Bible Asuafo Ma Wɔnkɔ Asafo Nhyiam” no mu. Jade akɔtena Neeta nkyɛn wɔ asafo nhyiam ase, na wuhu sɛ Neeta ani agye.

    Dɛn nti na sɛ yɛn Bible asuafo ba asafo nhyiam a yɛn ani gye?

  • Mfoni yi wɔ video a wɔato din “Boa Wo Bible Asuafo Ma Wɔnkɔ Asafo Nhyiam” no mu. Wɔapɔn asafo nhyiam, na anuanom mmea bi de anigye rekyia Jade.

    “Onyankopɔn wɔ mo mu ampa”

    Bere a edi kan a Jade kɔɔ asafo nhyiam no, dɛn na ohui?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena