KRISTOFO ABRABƆ
Enkosi Sɛ Owusɔre No Bɛba
Sɛ obi a yɛpɛ n’asɛm wu, na yɛkae sɛ owusɔre no bɛba a, ɛkyekye yɛn werɛ. Nanso bɔne ne owu da so ara te sɛ nkataho a akata nnipa nyinaa ho. Ahyɛ yɛn so ma yennya hwene mpo na yɛahome mu. (Yes 25:7, 8) Wei ne ade baako nti a ‘abɔde nyinaa abom repenepene, na wɔrehu amane’ no. (Ro 8:22) Enkosi sɛ owusɔre no bɛba no, dɛn na yɛbɛyɛ na sɛ obi a yɛpɛ n’asɛm wu a, awerɛhow anhyɛ yɛn so? Nnyinasosɛm bi wɔ Onyankopɔn Asɛm mu a ebetumi aboa yɛn.
HWƐ VIDEO A YƐATO DIN SƐ YƐN DƆFO BI WU A, DƐN NA ƐBƐBOA YƐN? WUWIE A, BUA NSƐMMISA A EDIDI SO YI:
Asɛmyaayaw bɛn na ɛtoo Danielle, Masahiro, ne Yoshimi?
Nneɛma nnum bɛn na ɛboaa wɔn?
Hena na ɔyɛ awerɛkyekye nyinaa Wura?—2Ko 1:3, 4