Dawid de nneɛma a wɔde besi asɔrefie no rema Solomon, na ɔde adwumayɛfo no nso rehyɛ ne nsa
BIBLE MU AKORADE
Boa Mmerante Ne Mmabaa Ma Ensi Wɔn Yiye
Ná Dawid nim sɛ Yehowa mmoa so, Solomon betumi ahwɛ ama wɔasi asɔrefie no (1Be 22:5; w17.01 29 ¶8)
Dawid hyɛɛ Solomon nkuran sɛ, ɔmfa ne ho nto Yehowa so na ɔnkɔyɛ adwuma no (1Be 22:11-13)
Dawid yɛɛ nea obetumi biara de boaa Solomon (1Be 22:14-16; w17.01 29 ¶7; hwɛ mfoni a ɛwɔ nhoma yi anim no)
BISA WO HO SƐ, ‘Mɛyɛ dɛn aboa mmerante ne mmabaa a ɛwɔ m’asafo mu ama wɔatumi asom Yehowa yiye na wɔn ani agye?’—w18.03 11-12 ¶14-15.