Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • mwb23 March kr. 3
  • Atoyerɛnkyɛm Bi Si a, Yɛbɛyɛ Dɛn Aboa?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Atoyerɛnkyɛm Bi Si a, Yɛbɛyɛ Dɛn Aboa?
  • Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2023
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Atoyerɛnkyɛm Si a, Moboa Nkurɔfo Anaa?
    Nsɛm a Nkurɔfo Taa Bisa Fa Yehowa Adansefo Ho
  • Ɔsom Adwuma a Yɛde Boa Afoforo
    Onyankopɔn Ahenni Redi Tumi!
  • Yɛbɛyɛ Dɛn Aboa?
    Yɛn Ahenni Som—2005
  • Asɛmmisa afã
    Yɛn Ahenni Som—1997
Hwɛ Pii Ka Ho
Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2023
mwb23 March kr. 3

KRISTOFO ABRABƆ

Atoyerɛnkyɛm Bi Si a, Yɛbɛyɛ Dɛn Aboa?

Nnansa yi, gye sɛ ade ankye, na atoyerɛnkyɛm bi asi. Sɛ atoyerɛnkyɛm si na wɔde mmoa rema wɔn a wɔakɔ ahokyere mu no a, ɛsɛ sɛ wɔtoto nneɛma yiye sɛnea ɛbɛyɛ a biribiara bɛkɔ so wɔanowɔano. Wei nti, Akwankyerɛ Kuw no ama Betel biara atew Dwumadibea a Ɛde Mmoa Ma Wɔ Atoyerɛnkyɛm Bere Mu.

Sɛ anuanom a ɛwɔ saa dwumadibea yi mu no te sɛ atoyerɛnkyɛm bi asi a, ntɛm ara wɔbisa asafo mu mpanyimfo a ɛwɔ baabi a asɛm no asi no sɛ, dɛn na anuanom hia. Ɛtɔ da a, wobɛhwɛ na nneɛma a asɛe no dɔɔso ara ma ɛho adwuma boro anuanom a ɛwɔ hɔ no so. Ɛba saa a, Betel bɛpaw anuanom bi a wɔfata ama wɔadi anim aboa wɔn a wɔn ho aka mu no. Saa anuanom yi betumi aka sɛ wɔrepɛ atuhoamafo a wɔbɛba abɛboa wɔn; wɔbetumi nso akyerɛ nneɛma pɔtee bi a wɔpɛ sɛ anuanom de bɛboa. Ɛtɔ da nso a nneɛma a wɔhia no, wɔbetumi atotɔ bi wɔ mpɔtam hɔ baabi na wɔakyekyɛ ama anuanom.

Sɛ atoyerɛnkyɛm bi si na yɛma kwan ma anuanom a ɛho adwuma hyɛ wɔn nsa no di ho dwuma a, ɛboa paa. Sɛ obiara sɔre na ose ɔno ara rekɔyɛ biribi de aboa anuanom a wɔakɔ ahokyere mu no a, etumi ma nneɛma yɛ basaa, etumi sɛe sika, etumi ma nneɛma a wɔde rebɛboa anuanom no sɛe, na afei adwuma a obi ayɛ no, wobɛhwɛ na obi foforo akɔyɛ ade koro no ara, na asɛe bere ne adaagye.

Anuanom a Betel apaw wɔn no betumi asese ahu sika a wɔbehia ne atuhoamafo dodow a wɔbehia na wɔatumi aboa anuanom a wɔwɔ ahohia mu no. Afei nso, nea ɛbɛyɛ a adwuma a wɔbɛyɛ de aboa anuanom no bɛkɔ ntɛm no, wɔbetumi ne aban mpanyimfo a ɛwɔ mpɔtam hɔ no adi nkitaho. Enti yɛsrɛ wo, ɛnsɛ sɛ wo ara wosɔre ka sɛ woregyigye sika akɔma wɔn a wɔakɔ ahohia mu no, worekɔtotɔ nneɛma amena wɔn, anaa worebesim akɔ hɔ akɔboa, gye sɛ anuanom a edi adwuma no anim no aka akyerɛ wo sɛ yɛ saa.

Ne nyinaa mu no, sɛ atoyerɛnkyɛm si a, ɛyɛ a yɛpɛ sɛ yɛboa yɛn nuanom. (Heb 13:16) Nea enti a ɛte saa ne sɛ, yɛdɔ wɔn paa. Ɛnde dɛn na yebetumi ayɛ de aboa wɔn? Ade a ehia paa a yebetumi ayɛ ne sɛ yɛbɛbɔ mpae ama wɔn a atoyerɛnkyɛm ato wɔn no, ne wɔn a wɔreboa wɔn no nyinaa. Yebetumi nso ayi ntoboa de akɔboa wiase nyinaa adwuma no. Betel ahorow no na wɔnim kwan pɔtee a wɔde sika no bɛyɛ adwuma ama aboa anuanom paa; wɔyɛ wei wɔ Akwankyerɛ Kuw no akwankyerɛ ase. Sɛ yɛn ankasa yɛpɛ sɛ yɛkɔboa a, yebetumi ahyehyɛ Local Design/Construction Volunteer Application (DC-50) fɔɔm no bi. Ɛbɛma Betel ahu sɛ, sɛ mmoa bi ho behia a, yɛwɔ hɔ.

HWƐ VIDEO A YƐATO DIN NSU AYIRI ASƐE NNEƐMA PII WƆ BRAZIL. WUWIE A, BUA ASƐMMISA A EDI SO YI:

Video a yɛato din, “Nsu Ayiri Asɛe Nneɛma Pii Wɔ Brazil” no, mfoni a ɛwom no bi ni. Nsu ayiri wɔ borɔno bi so, na adan ne nnua sisi nsu mu; wɔtwaa mfoni no fii wim.

Nsuyiri a ɛsɛee nneɛma wɔ Brazil afe 2020 no, wohwɛ nea Yehowa Adansefo yɛ de boaa wɔn a wɔn ho kae no a, dɛn na ɛyɛ wo fɛ paa wɔ ho?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena