KRISTOFO ABRABƆ
Wɔyɛ Adwumaden De Som Yɛn
Sɛ amansin so ahwɛfo ne wɔn yerenom kɔsra asafo bi a, wɔyi wɔn yam som anuanom. Wɔte sɛ yɛn ara, enti asetena mu nneɛma a yehia no, ɛno ara bi na wɔn nso hia. Afei nso, wɔtumi brɛ, wɔn abam tumi bu, na adwinnwen nso tumi hyɛ wɔn so. (Yak 5:17) Nanso nnawɔtwe biara wɔde si wɔn ani so sɛ, anuanom a ɛwɔ asafo a wɔresom wɔn no mu no, wɔbɛhyɛ wɔn nkuran. Anokwa, amansin so ahwɛfo fata “nidi mmɔho.”—1Ti 5:17.
Bere a na ɔsomafo Paul reyɛ nhyehyɛe akɔ Roma de “honhom mu akyɛde bi” akɔma asafo a ɛwɔ hɔ no, na n’ani da so sɛ, odu hɔ a ɔne wɔn nyinaa, “obiara . . . bɛhyɛ ne yɔnko nkuran.” (Ro 1:11, 12) Woadwen ho ahwɛ ɔkwan a wobɛfa so ahyɛ wo mansin sohwɛfo ne ne yere nkuran anaa?
HWƐ VIDEO A YƐATO DIN SƐNEA ƆMANSIN SOHWƐFO BI A ƆSOM WƆ AKURAASE YƐ N’ADWUMA. WUWIE A, BUA NSƐMMISA A EDIDI SO YI:
Sɛ amansin so ahwɛfo ne wɔn yerenom kɔsom nsafo ahorow no a, akwan bɛn so na wɔyi wɔn yam som anuanom?
Sɛn na nneɛma a wɔyɛ ma yɛn no aboa w’ankasa?
Dɛn na yebetumi ayɛ de ahyɛ wɔn nkuran?