Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • wp21 nɔma 1 kr. 8-9
  • Adɛn Nti Na Onyankopɔn Ntie Mpaebɔ Ahorow Bi?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Adɛn Nti Na Onyankopɔn Ntie Mpaebɔ Ahorow Bi?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2021
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Bɛn Onyankopɔn Wɔ Mpaebɔ Mu
    Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa?
  • So Onyankopɔn Tie Wo Mpaebɔ?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1982
  • Mpaebɔ Yɛ Hokwan Kɛse
    Dɛn na Yebetumi Asua Afi Bible Mu?
  • Sɛnea Wubenya Mmoa Denam Mpaebɔ So
    Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2021
wp21 nɔma 1 kr. 8-9

Adɛn Nti Na Onyankopɔn Ntie Mpaebɔ Ahorow Bi?

Sɛ yefi yɛn koma mu bɔ mpae a, yɛn soro Agya Yehowa Nyankopɔn ani gye ho, na wayɛ krado sɛ obetie yɛn. Nanso nneɛma bi wɔ hɔ a yɛyɛ a, ɛmma ontie yɛn mpaebɔ. Ɛyɛ nneɛma bɛn saa? Afei nso, sɛ yɛbɔ mpae a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛma ɛtena yɛn adwenem? Ma yɛnhwɛ Bible mu afotusɛm bi a ebetumi aboa yɛn.

Nnipa bi wɔ asɔre, na wɔrehwɛ nhoma bi a wɔakyerɛw mpaebɔ wom so abɔ mpae.

“Sɛ worebɔ mpae a, ntĩ nsɛm koro no ara mu nka no mpɛn pii.”​—Mateo 6:7.

Yehowa mpɛ sɛ yɛkyere mpaebɔ bi gu yɛn tirim na yɛka. Afei nso nhoma bi wɔ hɔ a, wɔakyerɛw mpaebɔ ahorow agu mu, na ebinom hwɛ so bɔ mpae. Ɛno nso, n’ani nnye ho. Mmom, ɔpɛ sɛ yefi yɛn komam ne no kasa. Wo de, fa no sɛ wowɔ adamfo bi, na da biara da ohyia wo a, asɛm koro no ara na ɔka kyerɛ wo. Anka wobɛte nka sɛn? Nnamfo pa de, wofi wɔn komam bɔ nkɔmmɔ, na wɔmfa biribiara nsie wɔn ho. Sɛ yɛde yɛn ankasa yɛn nsɛm bɔ mpae a, ɛkyerɛ sɛ yehu yɛn soro Agya no sɛ ɔyɛ yɛn adamfo.

Nkrataa a wɔde twa loto gu ɔbarima bi anim, na wapagyaw ne ti rehwɛ soro.

“Mubisa nanso mo nsa nka, efisɛ mode adwemmɔne na ebisa.”​—Yakobo 4:3.

Sɛ Onyankopɔn ani nnye biribi ho, na yɛbɔ no mpae srɛ no sɛ ɔmma yɛn nsa nka saa ade no a, ɛnsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ obetie yɛn. Na sɛ yɛreyɛ biribi a ɔmpɛ nso a, ɛnsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ ɔbɛboa yɛn. Sɛ nhwɛso no, Yehowa bɔ yɛn kɔkɔ sɛ ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn ani bere ade, afei nso ɔkasa tia gyidihunu. Enti sɛ obi to kyakya na ɔsrɛ Onyankopɔn sɛ ɔmmoa no mma ne ti nyɛ yiye na onni a, wohwɛ a obetie no? (Yesaia 65:11; Luka 12:15) Mpae a ɛte saa de, ɛnsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ Yehowa betie! Sɛ Onyankopɔn betie yɛn mpaebɔ a, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ hu sɛ ade ko a yɛrebisa no no, Bible nkasa ntia.

Ɔsɔfo bi rebɔ mpae ama asogyafo.

“Nea oyi n’asõ fi mmara tie ho no, ne mpaebɔ mpo yɛ akyide.”​—Mmebusɛm 28:9.

Tete mmere mu no, wɔn a wɔamfa Onyankopɔn mmara anyɛ adwuma no, wantie wɔn mpaebɔ. (Yesaia 1:15, 16) Onyankopɔn nsesae. (Malaki 3:6) Ɛnnɛ nso, sɛ yɛpɛ sɛ Onyankopɔn tie yɛn mpaebɔ a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ nea yebetumi biara de ne mmara bɔ yɛn bra. Nanso yɛmfa no sɛ bere bi a atwam no, yɛyɛɛ nneɛma bi a enye. Ɛno kyerɛ sɛ Onyankopɔn rentie yɛn mpaebɔ da anaa? Ɛnte saa koraa! Sɛ yɛasesa yɛn abrabɔ na yɛbɔ mmɔden yɛ nneɛma a ɛsɔ Onyankopɔn ani a, ɔno nso de yɛn bɔne bɛkyɛ yɛn.​—Asomafo Nnwuma 3:19.

“Ɛsɛ sɛ nea ɔba [Onyankopɔn] nkyɛn no gye di sɛ ɔwɔ hɔ, na ɔyɛ wɔn a wɔn ani abere rehwehwɛ no no katuafo.”​—Hebrifo 11:6.

Ɔbea bi rekan Bible.

Ɛnsɛ sɛ yenya adwene sɛ, mpaebɔ te sɛ aduru bi a adwinnwen hyɛ yɛn so anaa yɛhaw a, ɛma yɛn ho dwo yɛn kɛkɛ. Mmom sɛ yɛbɔ mpae a, ɛkyerɛ sɛ yegye Onyankopɔn di, na ɛyɛ ɔkwan baako a yɛfa so som no. Ɔsomafo Yakobo ma yehu sɛ, sɛ obi bɔ mpae na wammisa “wɔ gyidi mu” a, ɛnde ‘ɛnsɛ sɛ osusuw da sɛ obenya biribi afi Yehowa hɔ.’ (Yakobo 1:6, 7) Sɛ yebetumi anya Onyankopɔn mu gyidi a, ɛsɛ sɛ yegye bere na yɛyere yɛn ho sua ne ho ade fi Bible mu. Sɛ yɛyɛ saa a, ɛbɛma yɛahu nea Onyankopɔn pɛ, na yɛbɔ no mpae a, yɛn adwenem renyɛ yɛn nãã sɛ obetie anaa ɔrentie.

MPA ABAW!

Ɛwom, ɛnyɛ mpaebɔ nyinaa na Onyankopɔn tie de, nanso nnipa mpempem pii a wofi wɔn komam bɔ no mpae no, otie wɔn. Bible no ma yehu nneɛma a sɛ yɛyɛ a ɛbɛma Onyankopɔn atie yɛn mpaebɔ. Asɛm a edi hɔ no bɛkyerɛkyerɛ mu.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena