Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • wp21 nɔma 2 kr. 10-12
  • Wobɛyɛ Dɛn Akɔ Wiase Foforo No Mu?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wobɛyɛ Dɛn Akɔ Wiase Foforo No Mu?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2021
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • SƐ ‘WUHU ONYANKOPƆN’ YIYE A, WUBENYA WO TI ADIDI MU
  • KENKAN ONYANKOPƆN ASƐM BIBLE NO DA BIARA
  • BƆ ONYANKOPƆN MPAE SƐ ƆMMOA WO
  • Nneɛma Bɛn Na Onyankopɔn Ayɛ?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2019
  • Wobɛyɛ Dɛn Atena Ase Daa?
    Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
  • Onyankopɔn Wiase Foforo—Wubetumi Atra Mu Bi
    Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No
  • Dɛn Nti na Yesu Huu Amane na Owui?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2016
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2021
wp21 nɔma 2 kr. 10-12

Wobɛyɛ Dɛn Akɔ Wiase Foforo No Mu?

Sɛnea yɛadi kan ahu no, ɛrenkyɛ koraa Onyankopɔn bɛsɛe abɔnefo na obeyi ɔhaw a yɛrehyia no nyinaa afi hɔ. Yebetumi agye adi sɛ saa asɛm no bɛbam. Adɛn ntia? Efisɛ Onyankopɔn aka wɔ Bible no mu sɛ:

“Wiase ne n’akɔnnɔ retwam.”​—1 YOHANE 2:17.

Sɛ wiase no ba awiei a, sɛnea ɛte biara ebinom benya wɔn ti adidi mu, efisɛ kyerɛwsɛm a ɛwɔ soro ha yi fã bi ka sɛ:

‘Nea ɔyɛ ade a Onyankopɔn pɛ no bɛtena hɔ daa.’

Saa asɛm yi ma yehu sɛ, sɛ yebetumi anya yɛn ti adidi mu a, gye sɛ yɛyɛ nea Onyankopɔn pɛ. Nanso sɛ yebetumi ahu nea Onyankopɔn pɛ a, gye sɛ yesua ne ho ade na yehu no yiye.

SƐ ‘WUHU ONYANKOPƆN’ YIYE A, WUBENYA WO TI ADIDI MU

Mfoni ahorow: 1. Nɛɛseni bi ayɛ adwuma abrɛ, na watena fam. 2. Ɔrekɔpɛ biribi adi. Wahu sɛ obi a ɔne no yɛ adwuma ani agye rekenkan nhoma bi. 3. Nea ɔne no yɛ adwuma no rekenkan asɛm bi afi Bible mu akyerɛ no, na wama no jw.org wɛbsaet kaad no bi.

Yesu kaa sɛ: ‘Sɛ obi benya daa nkwa a, ɛsɛ sɛ ohu nokware Nyankopɔn koro pɛ no.’ (Yohane 17:3) Wei kyerɛ sɛ, sɛ obi betumi atena ase daa a, ɛsɛ sɛ osua Onyankopɔn ho ade na ohu no yiye. Sɛ yɛka sɛ obi ahu Onyankopɔn a, ɛnyɛ nea ɛkyerɛ ara ne sɛ, obegye adi sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ, anaa obesua nneɛma baako mmienu bi pɛ afa ne ho. Mmom, ɛsɛ sɛ ɔfa Onyankopɔn adamfo. Sɛnea yenim no, sɛ nkurɔfo mmienu betumi afa adamfo paa a, gye sɛ wonya bere ma wɔn ho. Enti Onyankopɔn nso, sɛ yebetumi afa no adamfo a, gye sɛ yenya bere sua ne ho ade. Ɛnde dɛn na ebetumi aboa wo ama woafa Onyankopɔn adamfo, na mo adamfofa no agyina? Momma yɛnhwɛ nokwasɛm ahorow bi a ɛwɔ Bible mu a ebetumi aboa yɛn ama yɛafa Onyankopɔn adamfo.

Nokwasɛm Bi a Ɛwɔ Bible Mu

Nɛɛseni no akodu fie, na wakɔ jw.org wɛbsaet no so.

Ná Onyankopɔn pɛ sɛ nnipa tena Paradise.

Bere a Onyankopɔn bɔɔ nnipa mmienu a wodi kan a yɛfrɛ wɔn Adam ne Hawa no, ɔde wɔn kɔtenaa turo fɛfɛɛfɛ bi mu. Ná wɔfrɛ saa turo no Eden. Ná bɔne nni Adam ne Hawa ho. Afei nso, Onyankopɔn maa wɔn biribiara a wohia sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn ani begye wɔ asetena mu. Ná anka wobetumi atena ase daa. Sɛ wɔne Onyankopɔn kɔɔ so ara fa adamfo a, anka wɔrenwu da. Nanso wɔyɛɛ Onyankopɔn so asoɔden. Onyankopɔn maa wɔn ahyɛde bi; na ɛnyɛ den, nanso wɔanni so.

Bible ma yehu nea enti a yɛrehu amane.

Ná anka Adam ne nnipa nyinaa betumi atena ase daa. Nanso asoɔden a ɔyɛe nti, amma no saa. Bible ka sɛ: “Ɛnam onipa baako so na bɔne baa wiase, na owu nam bɔne so bae, na ɛmaa owu trɛw kaa nnipa nyinaa.” (Romafo 5:12) Sɛ yɛbɛyɛ mfatoho a, sɛ awofo bi wɔ mogya mu yare na sɛ wɔwo a, wɔn mma no nso betumi anya bi. Yɛn nso, bɔne wɔ yɛn nyinaa ho efisɛ yefi Adam mu. Ɛno nti na yɛbɔ nkwakoraa ne mmerewa, na yewuwu no.

Bible ma yehu sɛ Onyankopɔn ayɛ biribi a ɛbɛboa yɛn.

Bible ma yehu sɛ: “Onyankopɔn dɔ wiase paa. Ɛno nti, ɔde ne Ba a ɔwoo no koro no mae, na obiara a ogye no di no ansɛe, na mmom wanya daa nkwa.” (Yohane 3:16) Onyankopɔn somaa Yesu baa asaase so sɛ ɔmfa ne nkwa mmɛbɔ afɔre mma yɛn. Nea Onyankopɔn ayɛ ama yɛn no kyerɛ sɛ ɔdɔ yɛn paa. Akwakoraa bi a ofi India a wadi mfe 86 a yɛfrɛ no Prabhakar kaa sɛ: “Sɛ mehwɛ nea Yehowaa ayɛ no a, ɛma mihu sɛ ɔdɔ me paa. Ɔdɔ a wada no adi akyerɛ me no ama manya anidaso sɛ metumi atena ase daa.”

Bible ma yehu sɛnea yebetumi akyerɛ nea Onyankopɔn ayɛ ama yɛn no ho anisɔ.

Bible ma yehu sɛ, ade baako a yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yɛn ani sɔ nea Onyankopɔn ayɛ ama yɛn no ne sɛ ‘yebedi n’ahyɛde so.’ (1 Yohane 2:3) Yehowa Nyankopɔn dɔ yɛn nti, wakyerɛ yɛn nea yɛyɛ a, ɛbɛma yɛn ani agye nnɛ. (Yesaia 48:17, 18, ase hɔ asɛm) Ɔmpɛ sɛ yɛbɛbrɛ. Wahyɛ yɛn bɔ sɛ, sɛ yedi n’ahyɛde so a, yɛn ani begye nnɛ, na yebetumi atena ase daa.

KENKAN ONYANKOPƆN ASƐM BIBLE NO DA BIARA

Nɛɛseni no kɔ break, na ɔte baabi rekan Bible; wama n’ani so rehwɛ wim.

Sɛ woyɛ Onyankopɔn apɛde na wobɔ no mpae sɛ ɔmmoa wo a, wubenya wo ti adidi mu wɔ wiase yi awiei

Ɛyɛ a yedidi sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi atena nkwa mu. Nanso Yesu kaa sɛ: “Ɛnyɛ paanoo nko ara na onipa nam so bɛtena ase, na mmom asɛm biara a efi Yehowa anom nso.”​—Mateo 4:4.

Ɛnnɛ, yebehu Yehowa anom nsɛm wɔ Bible no mu. Sɛ yɛkenkan nhoma kronkron yi a, ɛbɛma yɛahu nea Onyankopɔn ayɛ atwam, nea ɔreyɛ nnɛ, ne nea ɔbɛyɛ ama nnipa daakye.

BƆ ONYANKOPƆN MPAE SƐ ƆMMOA WO

Ebia na wopɛ sɛ wudi Onyankopɔn ahyɛde so, nanso nneɛma bi a n’ani nnye ho no, ɛyɛ den sɛ wubegyae. Nea ɛbɛboa wo ne sɛ wubesua Yehowa ho ade, na woahu no yiye.

Wo de, ma yɛnhwɛ nea ɛboaa maame bi a yɛfrɛ no Sakura. Ná n’abrabɔ nye. Bere a ofii ase suaa Bible no, obehui sɛ Onyankopɔn aka sɛ ‘yenguan mfi aguamammɔ ho.’ (1 Korintofo 6:18) Sakura bɔɔ Onyankopɔn mpae sɛ ɔmmoa no ma ontumi nnyae saa abrabɔ bɔne no. Nanso na ɛnna fam mma no. Ɔka sɛ, “Ɛwɔ hɔ ara na sɛ aguamansɛm ba me tirim a, mebɔ Yehowa mpae ka me koma mu asɛm nyinaa kyerɛ no. Mema ohu sɛ ɔko wei de ɛso sen me; me nko ara merentumi nko. Mpae a metaa bɔ no aboa me ama mabɛn Yehowa paa.” Sɛnea Sakura ahu Onyankopɔn yiye na watumi abɛn no no, ɛnnɛ nnipa ɔpepem pii nso reyɛ saa. Onyankopɔn reboa saa nkurɔfo no nyinaa sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi ayɛ nsakrae wɔ wɔn abrabɔ mu, na wɔatumi asɔ n’ani.​—Filipifo 4:13.

Sɛ wusua Onyankopɔn ho ade na wubehu no yiye a, ɔno nso ‘behu wo,’ na ɔbɛfa wo adamfo. (Galatifo 4:9; Dwom 25:14) Ɛba saa a, sɛ ɔresɛe wiase bɔne yi a, wubenya wo ti adidi mu, na ɔde wo bɛkɔ wiase foforo no mu. Nanso yemmisa sɛ, wiase foforo a ɛreba no, sɛn na ɛhɔ bɛyɛ? Asɛm a edi hɔ no bɛboa yɛn ama yɛanya saa asɛmmisa yi ho mmuae.

a Bible ma yehu sɛ Yehowa yɛ Onyankopɔn din.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena