Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • wp21 nɔma 3 kr. 12-14
  • Dɛn Na Ɛbɛboa Ama Asi Wo Yiye Daakye?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Dɛn Na Ɛbɛboa Ama Asi Wo Yiye Daakye?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2021
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • OBI A ƆWƆ NYANSA PAA AMA YƐN AKWANKYERƐ A ƐBƐBOA YƐN
  • Dɛn na Bible Aka?
    Nyan!—2017
  • Nokware Nkyerɛkyerɛ a Ɛsɔ Onyankopɔn Ani
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
  • Papa Ne Bɔne: Bible Ma Yɛn Akwankyerɛ a Edi Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2024
  • Ɛhe Na Wubetumi Anya Akwankyerɛ a Edi Mu?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2021
wp21 nɔma 3 kr. 12-14
Papa bi rekenkan Bible.

Dɛn Na Ɛbɛboa Ama Asi Wo Yiye Daakye?

Sɛnea yɛadi kan ahu no, ebinom ayɛ nea wobetumi biara sɛ wɔbɛma asi wɔn yiye daakye. Ɛno nti ebinom kɔhwehwɛ wɔn hyɛberɛ mu. Ebinom nso kɔ sukuu kɔ akyiri, ebinom biri wɔn mogya ani pɛ sika, na ebi nso bɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ papa. Nanso emu biara nni hɔ a ama esi wɔn yiye. Nea wei kyerɛ ne sɛ, biribiara nni hɔ a ebetumi aboa ama asi yɛn yiye daakye anaa? Biribi wɔ hɔ!

OBI A ƆWƆ NYANSA PAA AMA YƐN AKWANKYERƐ A ƐBƐBOA YƐN

Sɛ yɛpɛ sɛ yesi gyinae bi a, ɛyɛ a yɛkɔ wɔn a wɔn ani afi na wonim nyansa sen yɛn hɔ kobisa wɔn adwenkyerɛ. Yɛn nso sɛ yɛpɛ sɛ esi yɛn yiye daakye a, obi a wanyin na ɔwɔ nyansa koraa sen yɛn wɔ hɔ a yebetumi akɔhwehwɛ ne hɔ akwankyerɛ pa. Yebehu n’akwankyerɛ no nyinaa wɔ nhoma kronkron bi mu. Wɔfrɛ saa nhoma kronkron yi Bible.

Adɛn nti na wubetumi agye Bible no adi? Efisɛ nea ɔkyerɛwee no, wanyin sen obiara wɔ amansan yi mu, na obiara nni hɔ a onim nyansa sen no. Bible no ka sɛ, “Ne Nna Akyɛ,” na ofi “mmeresanten kosi mmeresanten.” (Daniel 7:9; Dwom 90:2) Ɔno ne nokware Nyankopɔn a ‘ɔbɔɔ ɔsoro na ɔnwenee asaase no.’ (Yesaia 45:18) Bible no ma yehu sɛ, ne din de Yehowa—Dwom 83:18.

Nea ɔkyerɛw Bible no, ɔno na ɔbɔɔ nnipa nyinaa. Ɛno nti, sɛ wufi he oo, wote sɛn oo, emu nsɛm no betumi aboa wo. Afotusɛm a ɛwɔ mu no, entwam, na nokwasɛm ne sɛ, aboa nnipa pii. Nhoma biara nni hɔ a wɔakyerɛ ase kɔ kasa pii mu sen Bible no, na sɛ yɛbɛka a, ɛno ne nhoma a ɛnyɛ nã wɔ wiase.a Wei kyerɛ sɛ, obi biara betumi anya Bible no bi akan, na wanya akwankyerɛ a ɛwom no so mfaso. Asɛm bi a ɛwɔ Bible mu no ma yehu sɛ ampa, emu afotusɛm no betumi aboa obiara. Ɛka sɛ:

“Onyankopɔn nyiyi nnipa mu, na mmom ɔman biara mu no, onipa a osuro no na ɔyɛ nea ɛteɛ no, ogye no tom.”​—ASOMAFO NNWUMA 10:34, 35.

Ɔwofo biara a ɔdɔ ne mma de akwankyerɛ pa ma wɔn. Saa ara na Yehowa Nyankopɔn nso te. Ɔyɛ yɛn Agya, na ɔdɔ yɛn. Ɛno nti, wama yɛn akwankyerɛ pa wɔ n’Asɛm Bible no mu. (2 Timoteo 3:16) Akwankyerɛ biara a ɔde ma yɛn no, yebetumi de yɛn ho ato so, efisɛ ɔno na ɔbɔɔ yɛn, na onim nea ɛbɛboa yɛn paa wɔ asetena mu.

AKWANKYERƐ A YEBETUMI DE YƐN HO ATO SO

Mfoni Ahorow: 1. Papa bi gyina keteke mu, na ɔrekan biribi wɔ ne fon so. 2. Nea ɔrekenkan wɔ ne fon so no yɛ Bible.

Nea Bible aka afa daakye ho no, yebetumi de yɛn ho ato so. Adɛn ntia? Efisɛ bɛyɛ mfe 2,000 a atwam no, ɛkaa nneɛma a ebesisi wɔ wiase ne suban a nkurɔfo bɛda no adi ho asɛm. Ɛnnɛ yehu sɛ, nea ɛka too hɔ no nyinaa abam pɛpɛɛpɛ.

NNEƐMA A BIBLE KAA SƐ EBESISI

“Ɔman bɛsɔre atia ɔman, na ahenni asɔre atia ahenni. Asaasewosow akɛse bɛba, na nsanyare a edi awu ne ɔkɔm bɛba mmeaemmeae.”​—LUKA 21:10, 11.

SUBAN A BIBLE KAA SƐ NKURƆFO BƐDA NO ADI

“Awiei mmere no mu no, mmere a emu yɛ den bɛba. Efisɛ nnipa bɛyɛ pɛsɛmenkominya, wɔbɛyɛ sikanibere, wɔbɛhoahoa wɔn ho, wɔbɛyɛ ahantan, wɔbɛkeka abususɛm, wɔrentie wɔn awofo asɛm, wɔbɛyɛ bonniayɛ, wobedi nkurɔfo huammɔ, wɔrennya tema, nkurɔfo rentumi ne wɔn nyɛ apam, wɔbɛsɛe nkurɔfo din, wɔrentumi nhyɛ wɔn ho so, wobedi atirimɔdensɛm, wɔbɛyɛ wɔn a wɔmpɛ papa, wobeyi nkurɔfo ama, wɔbɛyɛ asoɔden, wɔbɛyɛ ahomaso, sɛ́ anka wɔbɛdɔ Onyankopɔn no, anigye mmom na wɔbɛpɛ.”​—2 TIMOTEO 3:1-4.

Nneɛma a ɛrekɔ so nnɛ no, sɛ wohwɛ sɛnea Bible kaa ho asɛm too hɔ, na abam pɛpɛɛpɛ no a, ɛnyɛ wo nwonwa anaa? Leung a ofi Hong Kong kaa asɛm bi. Akyinnye biara nni ho sɛ wo ne no bɛyɛ adwene. Ɔkaa sɛ: “Nkɔmhyɛ ahorow a ɛwɔ Bible mu no, wɔkyerɛwee nyɛ nnɛ. Onipa dasani biara nni hɔ a obetumi ahu nea ebesi daakye, na waka ho asɛm pɛpɛɛpɛ saa. Anokwa, biribiara kyerɛ sɛ obi a ɔwɔ nyansa koraa sen nnipa na ɔkyerɛw Bible no.”

Sɛ wohwɛ Bible no mu a, wubehu nkɔmhyɛ pii a aba mu.b Wei di adanse sɛ Bible no yɛ Onyankopɔn Asɛm ampa. Yehowa ka sɛ, “Mene Onyankopɔn, na obiara nni hɔ a ɔte sɛ me. Mifi mfiase ka awiei asɛm.” (Yesaia 46:9, 10) Wei nti, nea Bible ka fa daakye ho no, yebetumi de yɛn ho ato so ama ayɛ yiye.

AKWANKYERƐ A WUBETUMI ANYA SO MFASO NNƐ NE DAA

Awofo bi ne wɔn mma de anigye retu mpase.

Sɛ wode akwankyerɛ ne afotu a ɛwɔ Kyerɛw Kronkron no mu yɛ adwuma a, wo ara na wubenya so mfaso. Momma yɛnhwɛ emu bi.

ADWUMA NE SIKA HO ADWENE A ƐFATA

“Sɛ obi gye n’ahome kakra a, eye sen sɛ ɔbɛyɛ adwumaden bebree; ɛyɛ ɔbrɛgu.”​—ƆSƐNKAFO 4:6.

NEA ƐBƐMA W’ABUSUA ANI AGYE

“Mo mu biara nnɔ ne yere sɛ ne ho; na ɔyere de, onnya obu kɛse mma ne kunu.”​—EFESOFO 5:33.

SƐNEA ƐSƐ SƐ YƐNE AFOFORO DI

“Mma abufuw nnhyɛ wo so, na mma abufuhyew kwan; mma nneɛma nnhaw wo na woankɔyɛ bɔne.”​—DWOM 37:8.

Sɛ wode nea Bible aka yi yɛ adwuma a, ɛbɛboa wo nnɛ, na ebetumi ama woanya asetena papa paa daakye. Sɛ yɛhwɛ Bible no mu a, yehu sɛ Onyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ daakye:

YEBENYA ASOMDWOE NE AHOBAMMƆ

“Wobegye wɔn ani wɔ asomdwoe bebree mu.”​—DWOM 37:11.

OBIARA BESI NE DAN NA ADUAN BEBU SO

“Wobesisi adan atena mu, na wɔayeyɛ bobefuw adi mu aba.”​—YESAIA 65:21.

YARE NE OWU BEFI HƆ

“Owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne yaw nso nni hɔ bio.”​—ADIYISƐM 21:4.

Dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ na wo nsa aka nhyira nwonwaso yi bi? Yebenya saa asɛm yi ho mmuae wɔ asɛm a edi hɔ no mu.

a Sɛ wopɛ sɛ wuhu Bible nkyerɛase ne sɛnea wɔrekyekyɛ Bible wɔ wiase no ho nsɛm pii a, kɔ www.pr2711.com/tw. Hwɛ BIBLE NKYERƐKYERƐ > ABAKƆSƐM NE BIBLE.

b Sɛ wopɛ sɛ wuhu nkɔmhyɛ ahorow a aba mu no ho nsɛm pii a, kenkan nhoma a Yehowa Adansefo ayɛ a yɛato din The Bible—God’s Word or Man’s? Hwɛ ti 9 no. Sɛ wokɔ www.pr2711.com. a, wubehu wɔ hɔ. Hwɛ LIBRARY > BOOKS & BROCHURES.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena