ASETENAM NSƐM
Yehowa Ama ‘M’Akwan Ateɛ’
BERE bi, aberante bi bisaa me sɛ, “Kyerɛwsɛm bɛn na w’ani gye ho paa?” N’ano ansi mpo na mekaa sɛ, “Mmebusɛm ti 3, nkyekyɛm 5 ne 6. Ɛhɔ ka sɛ: ‘Fa wo koma nyinaa to Yehowa so, na mfa wo ho ntweri w’ankasa ntease. Hu no w’akwan nyinaa mu, na ɔno na ɔbɛma w’akwan ateɛ.’” Manka a na meboa, Yehowa ama m’akwan ateɛ paa. Ɛdɛn na ama mereka saa?
M’AWOFO DE ME SII KWAN PA SO
Afe 1920 akyi baabi na m’awofo suaa Yehowa ho ade. Bere a wobehuu nokware no, ɛno akyi na wɔwaree. Afe 1939 ahyɛase na wɔwoo me. Bere a meyɛ abofra no, na yɛte England. Ná me ne m’awofo kɔ Kristofo nhyiam, na na m’ani gye Teokrase Ɔsom Sukuu no ho. Ɛnnɛ ne nnɛ nyinaa, mekae dwumadi a edi kan a meyɛe wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu mu no. Ná misua paa, enti migyinaa adaka bi so ansa na meretumi agyina pon ho ayɛ me dwumadi no. Wo de, hwɛ mfe nsia ba a migyina mpanyimfo anim rekasa; ehu kaa me paa.
Me ne m’awofo redi adanse wɔ abɔnten so
Me papa kyerɛw biribi kakra guu krataa so maa me a na mede kɔ asɛnka. Bere a edi kan a me nko ara mekɔbɔɔ obi pon wɔ asɛnka mu no, na madi mfe nwɔtwe. Ofiewura no kenkan me krataa no, na ɛhɔ ara na ogyee nhoma a wɔato din “Ma Onyankopɔn Nyɛ Ɔnokwafo” no. M’ani gyei papa! Enti mituu mmirika kɔka kyerɛɛ me papa. Asɛnka ne asafo nhyiam a na yɛkɔ no maa m’ani gyei, na ɛma ɛbaa me komam sɛ mede me bere nyinaa bɛsom Yehowa.
Me papa yɛɛ nhyehyɛe sɛ wɔmfa Ɔwɛn-Aban mmena me bosome biara. Wei boaa me maa m’ani begyee nokware a ɛwɔ Bible mu no ho paa. Ɔwɛn-Aban no bae ara, na makenkan ne nyinaa. Ɛmaa gyidi a mewɔ wɔ Yehowa mu no yɛɛ kɛse, na mihyiraa me ho so maa no.
Wɔtoo nsa frɛɛ me ne me maame ne me papa ma yɛkɔɔ Teokrase Nkɔso Nhyiam a wɔyɛe wɔ New York, afe 1950 no bi. Yawda, August 3 no, na nhyiam no asɛmti ne “Asɛmpatrɛwfo Da.” Saa da no, Onua Carey Barber a akyiri yi ɔbɛyɛɛ Akwankyerɛ Kuw no muni no na ɔmaa asubɔ kasa no. Bere a ɔmaa ne kasa no wiei no, obisaa wɔn a wɔrebɛbɔ asu no nsɛm mmienu no. Mesɔree, na migyee so sɛ, “Yiw!” Saa bere no, na madi mfe 11, nanso mihui sɛ masi gyinae a ɛho hia paa. Ná minnim asuguare, enti na misuro sɛ mɛkɔ nsu no mu. Me papa kumaa ne me kɔɔ nsu no ho, na ɔka kyerɛɛ me sɛ mma minnsuro, na biribiara bɛkɔ yiye. Mekataa m’ani tewee no, na wɔabɔ me asu awie. Me nan anka nsu no ase mpo. Wɔde me maa onua baako ma ɔbɔɔ me asu. Owiei na ɔno nso de me maa onua baako nso ma ɔpagyaw me fii nsu no mu. Efi saa da titiriw no rekɔ no, Yehowa akɔ so ama m’akwan ateɛ.
MEDE ME HO TOO YEHOWA SO
Bere a miwiee sukuu no, na mepɛ sɛ meyɛ ɔkwampaefo, nanso m’akyerɛkyerɛfo ka kyerɛɛ me sɛ menkɔ suapɔn. Wɔkae ara ma ɛtɔɔ me tirim, enti mekɔɔ suapɔn no. Nanso, ankyɛ na mihui sɛ, sɛ mepɛ sɛ mitumi som Yehowa yiye na bere koro no ara minya bere sua ade wɔ suapɔn hɔ a, ɛrenyɛ yiye. Enti misii gyinae sɛ megyae suapɔn no. Mebɔɔ Yehowa mpae de asɛm no too n’anim. Afei mekyerɛw krataa kɔmaa akyerɛkyerɛfo no. Metɔɔ me bo ase kyerɛɛ mu wɔ krataa no mu sɛ, sɛ afe a edi kan no ba awiei a, megyae sukuu no. Mede me werɛ nyinaa hyɛɛ Yehowa mu, na ntɛm ara na mifii akwampae adwuma no ase.
Mehyɛɛ bere nyinaa som adwuma no ase July 1957 wɔ Wellingborough kurow no mu. Meka kyerɛɛ anuanom a wɔyɛ adwuma wɔ London Bethel no sɛ wɔnkyerɛ me onua bi a ɔyɛ ɔkwampaefo a ɔbɔ mmɔden a metumi de me ho akɔbɔ no, na wɔkyerɛɛ me Onua Bert Vaisey. Misuaa nneɛma pii fii Onua Bert Vaisey hɔ, na sɛnea na ɔde nsi ne ahokeka yɛ asɛnka adwuma no boaa me ma metotoo me nneɛma yiye, na mitumi yɛɛ asɛnka adwuma no yiye. Nnipa a na ɛwɔ yɛn asafo no mu ne, Onua Vaisey, anuanom mmea mpanyimfo nsia, ne me. Asafo nhyiam a yɛbɛkɔ biara na misua nea yebesua no ansa na makɔ. Mekɔ nso a, na mema mmuae. Wei boaa me ma mede me werɛ hyɛɛ Yehowa mu, na minyaa kwan nso kaa me gyidi.
Bere bi wɔkaa sɛ menkɔ sogya, nanso mankɔ. Enti wɔde me kɔtoo afiase kakra. Bere a mifi afiase bae no, mihyiaa onuawa kwampaefo titiriw bi a wɔfrɛ no Barbara. Yɛwaree afe 1959, na na yɛayɛ krado sɛ baabiara a wɔde yɛn bɛkɔ sɛ yɛnkɔsom no, yɛbɛkɔ. Wodii kan de yɛn kɔɔ Lancashire wɔ England atifi fam baabi. Afei January 1961 no, wɔma mede bosome baako kɔɔ Ahenni Som Sukuu wɔ London Betel. Bere a yewiee sukuu no, wɔkaa sɛ menkɔyɛ ɔmansin sohwɛfo. Ná m’ani nna koraa. Wɔmaa ɔmansin sohwɛfo bi a wayɛ adwuma no akyɛ de nnawɔtwe mmienu kyerɛɛ me adwuma no ani so. Ná ɔsom wɔ Birmingham kurow mu. Wɔmaa Barbara kaa me ho bere a wɔrekyerɛ me ɔmansin adwuma no ani so no. Bere a wɔkyerɛɛ yɛn adwuma no ani so wiei no, wɔma yɛsan kɔɔ Lancashire ne Cheshire mpɔtam, baabi a na yɛwɔ no.
YƐDE YƐN WERƐ AHYƐ YEHOWA MU, NA YƐN NSA NSII FAM DA
Bere bi a na yɛregye yɛn ahome August 1962 no, yɛn nsa kaa krataa bi fii Betel. Yɛtew ano no, na Gilead Sukuu akwammisa nkrataa na ɛwom! Bere a yɛbɔɔ ho mpae wiei no, me ne Barbara hyehyɛɛ nkrataa no, na ntɛm ara yɛde kɔɔ Betel. Abosome nnum akyi no, na yɛn nan si kwan so rekɔ Brooklyn, New York. Ná yɛrekɔ Gilead adesuakuw a ɛto so 38 de abosome du akogye Bible ntetee.
Bere a yɛkɔɔ Gilead no, yesuaa Onyankopɔn Asɛm ne n’ahyehyɛde no ho nneɛma pii. Afei nso, yesuaa yɛn nuanom a wɔwɔ wiase nyinaa no nso ho ade. Ná madi mfe 24, ɛnna Barbara nso adi mfe 23, na yesuaa nneɛma pii fii anuanom a yɛne wɔn kɔɔ sukuu no nkyɛn. Minyaa kwan ne yɛn akyerɛkyerɛfo no baako a wɔfrɛ no Onua Fred Rusk yɛɛ adwuma da biara. Asɛm baako a na ɔtaa ka ne sɛ, bere biara a metu obi fo no, ɛsɛ sɛ mitu no fo trenee mu, kyerɛ sɛ, ɛsɛ sɛ mehwɛ hu sɛ m’afotu no fi Bible mu. Bere a yɛwɔ Gilead no, anuanom a na wɔwɔ suahu bɛmaa ɔkasa ahorow kyerɛɛ yɛn. Wɔn mu bi ne Nathan Knorr, Frederick Franz, ne Karl Klein. Onua baako a yɛn a yɛresua ade wɔ Gilead no suaa nneɛma pii fii ne hɔ ne Onua A. H. Macmillan a na ɔbrɛ ne ho ase no. Ɔbɛmaa ɔkasa bi a ɛma yehuu sɛnea Yehowa kyerɛɛ n’ahyehyɛde no kwan bere a wɔfaa sɔhwɛ mu fi afe 1914 kosi afe 1919 mfiase no!
WƆMAA YƐN ADWUMA FOFORO
Bere a aka kakra ama yɛawie yɛn adesua wɔ Gilead no, Onua Knorr ka kyerɛɛ me ne Barbara sɛ wɔde yɛn bɛkɔ Burundi wɔ Afrika ama yɛakɔyɛ adwuma wɔ hɔ. Ntɛm ara na yɛkɔɔ Betel nhomakorabea sɛ yɛrekɔhwɛ Yearbook a ɛwɔ hɔ no mu ahwɛ adawurubɔfo dodow a ɛwɔ Burundi saa bere no. Nanso, bere a yɛkɔhwɛe no, yɛanhu adawurubɔfo a ɛwɔ hɔ no ho hwee! Enti yehui sɛ baabi a wɔde yɛn rekɔ no yɛ baabi a wɔnkaa asɛmpa no wɔ hɔ da. Afrika nso, na yennim hɔ asɛm papa biara. Wei maa yɛn yam hyehyee yɛn paa! Nanso, yɛbɔɔ mpae denneennen, na ɛmaa yɛn koma tɔɔ yɛn yam.
Bere a yekoduu Burundi no, na biribiara yɛ soronko koraa. Ná ɛhɔ wim tebea yɛ soronko; na yenhuu bi da. Ná wɔn amammerɛ yɛ soronko, na na ɛsono kasa a wɔka. Ɛno nti, na ɛsɛ sɛ yesua French kasa. Afei nso, na ɛsɛ sɛ yenya baabi a yɛbɛtena. Bere a yekodui no, nnanu akyi na Harry Arnott a yɛne no kɔɔ Gilead no bɛsraa yɛn. Ná ɔretwam wɔ Burundi akɔ Zambia. Ɛhɔ na na ɔsom. Ɔboaa yɛn ma yenyaa baabi a yɛbɛtena, na ɛhɔ bɛyɛɛ asɛmpatrɛwfo fie a edi kan a yɛtenaa mu. Nanso, na aban mpanyimfo no nnim Yehowa Adansefo ho biribiara, enti ankyɛ na wofii ase tan yɛn ani. Bere a yɛn ani reka ɔman no mu ara na aban mpanyimfo no ka kyerɛɛ yɛn sɛ yenni nkrataa a yebetumi de ayɛ adwuma wɔ ɔman no mu, enti yemfi hɔ. Enti yɛde awerɛhow fii Burundi, na yɛkɔɔ Uganda man mu.
Bere a yɛrekɔ Uganda no, na yenni akwantu nkrataa, enti na yɛn yam hyehye yɛn. Nanso yɛde yɛn ho too Yehowa so, na ɔmaa yɛn koma tɔɔ yɛn yam. Ná onua bi a ofi Canada resom wɔ baabi a mmoa ho hia wɔ Uganda, na ɔkyerɛkyerɛɛ nea ato yɛn no mu kyerɛɛ aban panyin bi a ɔhwɛ akwantu ho nsɛm so. Enti ɔpanyin no maa yɛn kwan sɛ yɛntena hɔ abosome kakra na yɛmfa nyɛ nkrataa a ɛbɛma yɛatena ɔman no mu. Mmoa a yenyae no ma yehui sɛ Yehowa ka yɛn ho.
Ná Uganda nte sɛ Burundi koraa. Anuanom 28 pɛ na na ɛwɔ Uganda man no nyinaa mu, nanso na anuanom reka Ahenni ho asɛmpa no wɔ hɔ dedaw. Ná nnipa pii wɔ hɔ a wɔka Borɔfo kasa. Nanso ankyɛ na yebehui sɛ, sɛ yebetumi aboa wɔn a wɔn ani gye asɛmpa no ho ama wɔanya nkɔanim a, kasa bebree a wɔka wɔ ɔman no mu no, anyɛ yiye koraa ɛsɛ sɛ yesua mu baako. Yefii ase kaa asɛmpa no wɔ Kampala. Kasa a na wɔka wɔ hɔ paa ne Luganda, enti yɛde sii yɛn ani so sɛ yebesua saa kasa no. Edii mfe pii ansa na yɛn ano retɔ kasa no so, nanso kasa no boaa yɛn paa wɔ asɛnka adwuma no mu! Ebuee yɛn ani ma yehuu nneɛma a ɛsɛ sɛ yɛne yɛn Bible asuafo sua. Bere a yɛn Bible asuafo no hui sɛ yedwen wɔn ho saa no, wɔn nso buee wɔn komam, na wɔkaa sɛnea wɔte nka wɔ nea wɔresua no ho.
YETUTUU AKWAN
Bere a yɛretutu akwan wɔ Uganda no
Yɛn ani gyei paa efisɛ yenyaa nkurɔfo a wɔbrɛ wɔn ho ase ma wogyee nokware no. Nea ɛmaa yɛn anigye no yɛɛ kɛse paa ne hokwan bi a yɛn nsa kae. Ɛne sɛ, wɔma yetutuu akwan kyinkyinii ɔman no mu nyinaa. Kenya Betel no ma yekyinkyinii ɔman no mu hwehwɛɛ mmeae a ehia paa sɛ akwampaefo titiriw kɔ hɔ kɔsom. Bere a yɛrekyinkyin no, ɛwom ara na yɛkɔto nnipa bi a wonhyiaa Yehowa Adansefo da. Ahɔhoyɛ a wɔdaa no adi kyerɛɛ yɛn no, na ɛyɛ nwonwa paa. Wogyee yɛn kama, na wɔnoaa aduan mpo maa yɛn.
Akwantu foforo nso yii ne ti. Mede keteke twaa kwan nnanu fii Kampala kɔɔ Kenya po so hyɛn gyinabea a ɛwɔ Mombasa no. Afei mede ɛpo so hyɛn toaa so fii hɔ kɔɔ nsupɔw bi a ɛwɔ India Po no mu a wɔfrɛ hɔ Seychelles. Efi afe 1965 kosi afe 1972 no de, bere biara a mɛkɔ Seychelles no, na me ne Barbara na ɛkɔ. Mfiase no, na adawurubɔfo mmienu na ɛwɔ hɔ. Nanso wobenyaa kuw wɔ hɔ, ɛnna akyiri yi, ɛbɛyɛɛ asafo a ɛrenya nkɔanim. Akwantu no bi de me kopuee Eritrea, Ethiopia, ne Sudan ma mekɔsrasraa anuanom a ɛwɔ hɔ no.
Akyiri yi, asraafo tuu aban no gui wɔ Uganda, na ɛmaa nneɛma yɛɛ basaa. Nneɛma a ɛyɛ hu sisii mfe a edi hɔ no mu. Wei ma mihui sɛ ɛyɛ papa sɛ yetie afotu a ɛka sɛ “muntua Kaesare de mma Kaesare” no. (Mar. 12:17) Eduu baabi no, wɔkaa sɛ ahɔho a wɔte ɔman no mu nyinaa nkɔkyerɛw wɔn din wɔ polisifo ɔfese a ɛbɛn wɔn fie. Ɛhɔ ara na yɛkɔkyerɛw yɛn din. Nna kakra bi akyi, na me ne ɔsɛmpatrɛwni baako de kar nam Kampala, ɛnna polisifo a wɔnhyɛ polisifo ataade gyinaa yɛn. Yɛn koma tui paa! Wɔbɔɔ yɛn kwaadu sɛ yefi ɔman foforo so na yɛaba hɔ rebehuahua nsɛm. Enti wɔde yɛn kɔɔ polisifo ɔfese kɛse paa no mu, na yɛka kyerɛɛ wɔn sɛ yɛyɛ asɛmpatrɛwfo, na yɛn ho nyɛ hu. Yɛkaa yɛn anom nsɛm nyinaa sɛ yɛakyerɛw yɛn din wɔ polisifo hɔ, nanso wɔantie yɛn. Wɔkyeree yɛn guu kar mu de yɛn kɔɔ polisifo ɔfese a na ɛbɛn asɛmpatrɛwfo fie no. Polisifo no baako kaee sɛ yɛakyerɛw yɛn din dedaw. Enti ɔka kyerɛɛ wɔn a wɔkyeree yɛn no sɛ wonnyaa yɛn. Ɛhɔ ara na yeguu ahome!
Saa bere no, yɛnam a na yɛtaa kɔto asraafo a wogyinagyina kwan so, na na ɛma yɛn koma tu. Sɛ asraafo a wɔabow nsã gyina yɛn a, ɛnde na asɛm no asɛe koraa. Nanso bere biara a yɛbɛkɔ akɔto asraafo saa no, na yɛbɔ mpae, na na wɔma yetwam kɔ bɔkɔɔ. Ɛba saa a na yɛn koma atɔ yɛn yam. Nanso awerɛhosɛm ne sɛ, afe 1973 mu no, wɔmaa asɛmpatrɛwfo a wɔyɛ ahɔho wɔ Uganda no nyinaa fii ɔman no mu.
Mede afiri retintim Yɛn Ahenni Som wɔ Betel wɔ Abidjan, Côte d’Ivoire
Akyiri yi, wɔsan sesaa baabi a yɛyɛ asɛmpatrɛw adwuma no. Saa bere yi de, wɔde yɛn kɔɔ Côte d’Ivoire, wɔ Afrika Atɔe Fam. Ná wei nso yɛ nsakrae kɛse paa! Yesuaa amammerɛ foforo koraa; daa na yɛka French kasa sɛnea bere bi na yɛyɛ no, na yesuae sɛ yɛne asɛmpatrɛwfo a wofi aman horow mu bɛtena. Saa bere no nso, yehui sɛ Yehowa rekyerɛ yɛn kwan efisɛ nnipa ahobrɛasefo a wɔwɔ koma pa tiee asɛmpa no ntɛm. Esiane sɛ yɛde yɛn ho too Yehowa so nti, yɛn mmienu nyinaa hui sɛ, ɔno nso maa yɛn akwan teɛe.
Mpofirim ara na wɔka kyerɛɛ yɛn sɛ Barbara anya kokoram anaa kansa. Yetuu kwan kɔɔ Europe mpɛn pii maa adɔkotafo hwɛɛ Barbara, na eduu afe 1983 no, me ne Barbara hui sɛ yɛrentumi ntoa so nsom wɔ Afrika bio. Ɛyɛɛ yɛn yaw paa sɛ ɛbaa saa.
NNEƐMA SESAE
Yɛkɔsomee wɔ London Betel, na bere a yɛwɔ hɔ no, Barbara yare no yɛɛ kɛse, na ewiee ase no, ekum no. Betel abusua no boaa me paa. Onua baako ne ne yere paa na ɛboaa me ma mitumi tenae, na mekɔɔ so nyaa Yehowa mu ahotoso. Akyiri yi, mihyiaa onuawa bi a ne din de Ann. Ná ofi fie bɛboa wɔ Betel, na na wayɛ ɔkwampaefo titiriw da. Afei nso na ɔdɔ Yehowa paa. Enti mewaree no afe 1989, na me ne no asom wɔ London Betel fi saa bere no besi nnɛ.
Me ne Ann; yegyina Britain Betel no anim
Efi afe 1995 kosi afe 2018 no, minyaa kwan somee sɛ asafo ti no nanmusini (anaa nea kan no na wɔfrɛ no dantaban sohwɛfo no), na mekɔɔ aman bɛyɛ 60 so. Ɔman biara a mekɔɔ so no, mihuu sɛnea Yehowa hyira ne nkurɔfo wɔ tebea biara mu.
Afe 2017 no, yɛn akwantu no de me san kɔɔ Afrika. M’ani gyei paa bere a mede Ann kɔɔ Burundi bere a edi kan koraa no, na ɛyɛɛ yɛn dɛ paa sɛ nnipa pii agye nokware no wɔ hɔ saa. Baabi a na meka asɛmpa no wɔ afie afie afe 1964 no, seesei wɔasi Betel fɛfɛɛfɛ bi wɔ hɔ, na ɛhwɛ adawurubɔfo bɛboro 15,500 a wɔwɔ ɔman no mu no so.
Bere a mihuu aman a mɛsom wɔn afe 2018 no, m’ani gyei papa. Ná Côte d’Ivoire ka ho. Bere a yekoduu Abidjan no, na ɛte sɛ nea makɔ me fie. Bere a mehwɛɛ edin a ɛwɔ nhoma a tɛlɛfon nɔma wom no mu no, mihui sɛ Betel dan a yɛda mu no, na onua bi a minim no na ɔwɔ ɔdan a ɛtoa so no mu. Ná ne din de Sossou. Mekaee sɛ na ɔyɛ kuropɔn sohwɛfo bere a na mewɔ Abidjan no. Nanso na ɛnyɛ ɔno a. Sɛɛ na ɛyɛ ne babarima a ɔno nso de Sossou.
Yehowa adi ne bɔhyɛ so. Mafa ɔhaw pii mu, na ne nyinaa mu no, mahu sɛ, sɛ yɛde yɛn ho to Yehowa so a, ɔma yɛn kwan teɛ ampa. Seesei yɛasi yɛn bo sɛ yɛbɛkɔ so anantew ɔkwan a ɛde yɛn bɛkɔ daa nkwa mu no so, na saa kwan no so bɛkɔ so ahyerɛn kosi sɛ yebedu wiase foforo no mu.—Mmeb. 4:18.