Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w21 February kr. 25
  • Hwɛ Nea Serew Tumi Yɛ!

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Hwɛ Nea Serew Tumi Yɛ!
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2021
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yɛn Bɔfo No A Yɛkae No Fi Yɛn Mmeranteberem
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
  • Ɛnanom Nnwuma Bebrebe No
    Nyan!—2002
  • Mfaso a Aba Trɔk So Adansedi So Wɔ Wiase Nyinaa
    Kristofo Abrabɔ ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2018
  • Ɔdɔ Ma Yehu Wɔn a Wɔyɛ Nokware Kristofo—Baakoyɛ Som Bo, Enti Bɔ Ho Ban
    Kristofo Abrabɔ ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2018
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2021
w21 February kr. 25

Hwɛ Nea Serew Tumi Yɛ!

Helen gyina baguam adansedi trɔk bi ho, na ɔreserew. Mmaayewa mmienu bi retwam.

DA BI, na mmaayewa mmienu nam Philippines kurow Baguio City abɔnten so. Baabi a na wɔnam no, ɛhɔ yɛ baabi a nnwuma nnwuma wɔ. Wohui sɛ baguam adansedi trɔk bi si hɔ, nanso wɔankɔ ho. Onuawa a na ogyina trɔk no ho no, na ne din de Helen. Bere a mmaayewa mmienu no ani tɔɔ Helen anim no, ɔserew kyerɛɛ wɔn. Mmaayewa no toaa so kɔɔ wɔn kwan, nanso sɛnea Helen serew kyerɛɛ wɔn no yɛɛ wɔn fɛ paa.

Akyiri yi, na mmaayewa no te bɔs mu rekɔ fie. Ɛnna wohuu Ahenni Asa bi a wɔakyerɛw jw.org agu ho kakraa. Wɔkaee sɛ, bere a wɔretwam wɔ trɔk no ho no, na wɔakyerɛw jw.org agu ho. Enti wɔn mmienu si fii bɔs no mu kɔɔ Ahenni Asa no ho. Ná wɔakyerɛw bere a asafo biara de kɔ adesua agu Ahenni Asa no pon ho, enti wɔhwɛe.

Saa mmaayewa mmienu no akɔ Ahenni Asa so, na wɔahu Helen, ɛnna wɔreserew.

Asafo nhyiam a edi hɔ no, mmaayewa mmienu no kɔɔ bi. Bere a wowuraa Ahenni Asa no so no, wɔnkɔhwɛ a, Helen na ogyina hɔ yi! Ɛhɔ ara na wɔkaee sɛ ɔno na ɔserew kyerɛɛ wɔn no. Helen kaa sɛ: “Bere a wɔreba me nkyɛn no, me yam hyee me kakra. Ná ɛyɛ me sɛ mayɛ bɔne bi.” Nanso mmaayewa no kyerɛɛ mu kyerɛɛ Helen sɛ, bere a na wɔretwam wɔ trɔk no ho no, wohuu no wɔ hɔ.

Mmaayewa no ani gyee asafo nhyiam no ho, na anuanom maa wɔn ani kae. Bere a wɔpɔn asafo nhyiam no, mmaayewa no hui sɛ anuanom resiesie asa no so, na wɔn nso yɛɛ bi. Seesei mmaayewa no baako nte Philippines man no mu bio, nanso baako a aka no fii ase kɔɔ asafo nhyiam, na ofii ase suaa Bible. Hwɛ nea serew tumi yɛ!

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena